Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 23:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Monnue, mo kwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a moka sɛ: Obi ka asɔredan ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka asɔredan sika kɔkɔɔ deɛ a, ɛkyekyere no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Monnue, mo kwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a moka sɛ: Obi ka asɔredan ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka asɔredan sika kɔkɔɔ deɛ a, ɛkyekyere no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Munnue! Akwankyerɛfo anifuraefo a moka se, sɛ obi de asɔredan ka ntam a, ɛno de, ɛnyɛ hwee. Na sɛ ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam de a, ɛno de, ntam no kyekyere onii no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Monnue! Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a moka sɛ, sɛ obi de asɔredan ka ntam a, ɛno deɛ, ɛnyɛ hwee. Na sɛ ɔde sikakɔkɔɔ a ɛwɔ asɔredan no mu ka ntam deɛ a, ɛnneɛ, ntam no kyekyere onii no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Munnue, mo kwankyerɛfo anifuraefo a moka sɛ: Obi ka asɔredan ntam a, ɛnyɛ hwee; na sɛ ɔka asɔredan sika de a, ɛkyekyere no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 23:16
14 Iomraidhean Croise  

Na ɔman yi akwankyerɛfoɔ ma wɔfom na wɔn a wɔkyerɛ wɔn kwan no, wɔamene wɔn.


Monnyaa wɔn, wɔyɛ anifirafoɔ a wɔkyerɛ anifirafoɔ kwan; na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu.


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Mo anifirafoɔ ne nkwaseafoɔ! Deɛ ɛwɔ he na ɛso, sika kɔkɔɔ no anaa asɔredan a ɛma sika kɔkɔɔ no ho teɛ no?


Anifirafoɔ! Deɛ ɛwɔ he na ɛso, ayɛyɛdeɛ no anaa afɔrebukyia a ɛma ayɛyɛdeɛ no ho teɛ no?


Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a mosɔne yi nwansena twene, na momene yoma.


Farisini nifirani! Hohoro kuruwa ne ayowa no mu kane, na akyire nso afi.


Na medi adanseɛ bio mekyerɛ onipa biara a wɔatwa no twetia sɛ, ɛtwa sɛ ɔdi mmara no nyinaa soɔ.


Na me nuanom, yeinom nyinaa akyiri no, monnka ntam! Monnka ɔsoro anaa asase anaa ntam biara. Na momma mo aane nyɛ aane, na mo dabi nyɛ dabi, na moanhwe atemmuo mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan