Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 22:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfoɔ bɛgu wo nan ase?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

44 Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfoɔ bɛgu wo nan ase?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se, “Tena me nifa kosi sɛ mɛma woadi wʼatamfo nyinaa so.” ’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ, “Tena me nifa kɔsi sɛ mɛma woadi wʼatamfoɔ nyinaa so.” ’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

44 Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kosi sɛ mede w’atamfo megu wo nan ase?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 22:44
20 Iomraidhean Croise  

Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.


Wobɛyi wo ho adi ayɛ wɔn sɛ ogya fononoo, AWURADE de n’abufuo bɛmene wɔn, na ogya ahye wɔn.


Sɛ Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?


Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum soɔ.


Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasaeɛ akyiri no, wɔfaa no kɔɔ soro, na ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.


Na m’atamfoɔ a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no deɛ, momfa wɔn mmra ha, na mommɛkum wɔn m’anim!


Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!


de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔate wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no;


Na ɛtwa sɛ ɔdi hene kɔsi sɛ ɔde atamfoɔ no nyinaa bɛhyɛ ne nan ase.


Nanso ampa ara meda so mebu nnoɔma nyinaa adehwereɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro soɔ no nti. Ne nti na mebuu nnoɔma no nyinaa adehwereɛ, na mebu no sɛ sumina so adeɛ, na Kristo ayɛ me mfasoɔ,


Na abɔfoɔ no mu hwan ho na waka pɛn sɛ: Tena me nifa so kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ?


Ɔno ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma nyinaa mu no, ɔde ɔno ara ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa animuonyam kɛseɛ no nifa so ɔsorosoro,


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Na mehunuu aboa no ne asase so ahemfo ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ano, na wɔne deɛ ɔte pɔnkɔ fitaa no soɔ no ne ne dɔm rebɛdi ako.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan