Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 22:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Na Yesu hunuu wɔn amumuyɛ no, ɔkaa sɛ: Mo nyaatwomfoɔ, adɛn na moresɔ me ahwɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Na Yesu hunuu wɔn amumuyɛ no, ɔkaa sɛ: Mo nyaatwomfoɔ, adɛn na moresɔ me ahwɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Yesu huu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nyaatwomfo! Adɛn nti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Adɛn enti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na Yesu huu wɔn amumɔyɛ no, ɔkae se: Mo nyaatwomfo, adɛn na mosɔ me hwɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 22:18
15 Iomraidhean Croise  

Na Yesu hunuiɛ no, ɔtwee ne ho firii hɔ, na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.


Na Farisifoɔ baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe, sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ɔgyaa ne yere anaa?


Enti kyerɛ yɛn deɛ wodwene. Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare anaasɛ wɔnnyi?


Momfa ɛtoɔ sika no bi mmɛkyerɛ me! Na wɔde denare brɛɛ no.


Na ɔsomaa ɔfoforɔ; na ɔno deɛ, wɔkumm no; ɛne afoforɔ pii nso, na wɔhwee ebinom, na wɔkumm ebinom.


Na ntɛm ara a Yesu hunuu ne honhom mu sɛ wɔredwendwene wɔn mu saa no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwendwene yeinom mo akoma mu?


Na hwɛ, mmarakyerɛni bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya daa nkwa?


Na ɔhunuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:


Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔbua see wɔn sɛ: Ɛdeɛn na moresusu wɔ mo akoma mu yi?


Na Yesu hunuu wɔn akoma mu nsusuiɛ no, ɔfaa abɔfra bi bɛgyinaa ne nkyɛn,


na ɛnhia no sɛ obi di onipa ho adanseɛ; ɛfiri sɛ ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.


Na yei deɛ, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n’ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase, de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moayɛ nokorɔ sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wɔkɔsiee wo kunu no nan tiatia aboboano, na wɔbɛsoa wo nso afiri adi.


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan