Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 22:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na wɔsomaa wɔn asuafoɔ kaa Herodefoɔ no ho baa ne nkyɛn sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wokyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na wɔsomaa wɔn asuafoɔ kaa Herodefoɔ no ho baa ne nkyɛn sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wokyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Wosii no gyinae se, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefo aba Yesu nkyɛn abebisa no se, “Owura, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wonam nokware kwan so kyerɛ nnipa kwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wunsuro akyi asɛm, efisɛ wonhwɛ nnipa anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛsoma wɔn nnipa bi ne Herodefoɔ aba Yesu nkyɛn abɛbisa no sɛ, “Owura, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ, na wonam nokorɛ kwan so kyerɛ nnipa ɛkwan a ɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn a wonsuro akyire asɛm, ɛfiri sɛ, wonhwɛ nnipa anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na wɔsomaa wɔn asuafo kaa Herodefo no ho baa ne nkyɛn sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wokyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu, nanso obiara asɛm mfa wo ho; na wonhwɛ nnipa anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 22:16
36 Iomraidhean Croise  

Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, deɛ AWURADE bɛka akyerɛ me no, ɛno na mɛka.


Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne akoma nta na wɔde kasa.


Na wɔn anomu nni nokwasɛm bi, wɔn yam wɔ mmusuo, wɔn menewa yɛ ɛda a abue, na wɔde wɔn tɛkyerɛma dɛfɛdɛfɛ.


N’anomu nsɛm yɛ fekɔɔ sene bɔta, na ɔko wɔ n’akomam. Ne nsɛm mu dwo bɛtɛɛ sene ngo, nanso ɛyɛ mfena a wɔatwe.


Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no, ɔsum n’anammɔn fidie.


Nokorɛ mmara daa n’anomu, na wɔanhunu n’anomu kɔntɔnkyesɛm biara; asomdwoeɛ ne tenenee mu na ɔne me nanteeɛ, na ɔdanee nnipa pii firi amumuyɛ ho.


Enti me nso mɛma mo anim agu ase, na moabrɛ ase ɔman no nyinaa anim, sɛdeɛ monni m’akwan soɔ na mohwɛ nnipa anim, na mobu ntɛnkyea.


sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose kaa sɛ: Sɛ obi wu na ɔnni mma a, ne nua nware ne yere no na ɔnwo mma mma ne nua no.


Saa ara nso na deɛ ɔtɔ so mmienu ne mmiɛnsa no yɛeɛ de kɔduruu nson no soɔ.


Na ɔse: Monkɔ kuro no mu asomasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ se: Me berɛ abɛn; wo nkyɛn na mene m’asuafoɔ rebɛdi Twam (afahyɛ) no.


Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ: Rabi, mo! Na ɔfee n’ano.


Na ɔfirii adi kɔɔ ɔkwan soɔ no, obi tutuu mmirika bɛkotoo n’anim bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ, na manya daa nkwa?


Na wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm.


Na wɔbaeɛ no, wɔsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ na wonhwehwɛ biribi mfiri obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare, anaasɛ wɔnyi? Yɛntua anaasɛ yɛnntua?


Na Farisifoɔ no firii adie no, ntɛm ara wɔne Herodefoɔ kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛsɛe no.


Na Yesu see wɔn sɛ: Hwɛ, monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ mmɔreka ne Herode mmɔreka ho!


Na wɔbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ wokasa na wokyerɛkyerɛ yie nanso womfɛre obiara anim, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu.


Na Yesu bua see no sɛ: Simon, mewɔ asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔse: Kyerɛkyerɛfoɔ, ka!


Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.


Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene ne no? Yesu buaa sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me deɛ, yei nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ; obiara a ɔfiri nokorɛ no mu no tie me nne.


Deɛ ɔbɔ ɔno ara ne tirim kasa no, hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a, deɛ ɛntene nni ne mu.


Na yɛnte sɛ nnipa bebree a wɔnenam tɔn Nyankopɔn asɛm no, na mmom sɛ wɔn a wɔyi wɔn yam kasa, Nyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu wɔ Nyankopɔn anim.


na mmom yɛapo aniwudeɛ a ɛhunta no, na yɛnnante anifire mu, anaasɛ yɛmfra Nyankopɔn asɛm no mu, na mmom yɛda nokorɛ no adi, de yi yɛn ho kyerɛ nnipa nyinaa, Nyankopɔn anim.


Enti ɛfiri nnɛ yi, yɛnnim obiara honam fa mu; na sɛ yɛhunuu Kristo honam fa mu mpo a, afei deɛ yɛnnim no saa bio.


Na afei anim pa na merehwehwɛ afiri nnipa hɔ anaasɛ sɛ Onyankopɔn hɔ? Anaasɛ mehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, ɛnneɛ na menyɛ Kristo akoa.


Na wɔn a wɔbu wɔn sɛ wɔwɔ din no, (deɛ wɔteɛ biara, ɛmfa me ho hwee; Onyankopɔn nhwɛ onipa anim nyiyi mu), na me deɛ, wɔn a wɔwɔ din no amfa biribiara anka me ho,


Ɔno a ɔkaa wɔ n’agya ne ne na ho sɛ: Menni wɔn! Na wammu ne nuanom, na ɔpoo ne mma. Na wɔdi wo nsɛm so, na wɔkora w’apam;


na sɛdeɛ Onyankopɔn abu no sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa no hyɛ yɛn nsa no, saa ara nso na yɛkasa, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn akoma hwɛ no ani.


Na nyansa a ɛfiri soro no deɛ, deɛ ɛdi kan ne sɛ ɛho te, ɛwɔ asomdwoeɛ, ɛwɔ ɔdwoɔ, ɛwɔ asoɔmmerɛ; mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma, ɛnnye akyinnyeɛ, ɛnyɛ nyaatwom.


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan