Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 22:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ ahɔhoɔ no, ɔbɛhunuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ ahɔhoɔ no, ɔbɛhunuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 “Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ohuu obi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 “Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ɔhunuu obi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ ahɔho a wɔaba no, obehuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 22:11
25 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadeɛ dan soɔ no sɛ: Yiyi ntadeɛ brɛ Baal nkoa nyinaa. Na ɔkɔyii ntadeɛ no de brɛɛ wɔn.


O Sion, nyane ɛ, nyane ɛ! hyɛ w’ahoɔden! O Yerusalem, kuro kronkron, hyɛ w’animuonyam atadeɛ! na momonotoni ne deɛ ne ho nteɛ biara renkɔ so nhyɛne wo mu bio.


Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ, na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi, na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan, na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa.


Anaasɛ poɔ na woapo yɛn koraa, wo bo afu yɛn mmoroso?


Na ɛberɛ no mu mede nkanea bɛhwehwɛ Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔagya wɔn ho ama bɔne no aso, wɔn a wɔse no wɔn akoma mu sɛ: AWURADE renyɛ ho hwee.


Momma ne mmienu no nyinaa nyini nkɔsi twa berɛ, na twa berɛ no mu mɛka makyerɛ twafoɔ no sɛ: Mommoaboa wura bɔne no ano kane, na monkyekyere no afiafi mma wɔnkɔhye, na ayuo no deɛ mommoaboa ano nkɔgu me san so!


Na nkoa no firii adi kɔɔ akwan so, kɔboaboaa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no ano, nnipa bɔne ne nnipa pa; na ahɔhoɔ bɛhyɛɛ ayeforɔhyia dan no ma.


Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra aporoeɛ hɔ fitaa. Ɔbɛboaboa n’ayuo ano akɔgu san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.


na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atadeɛ, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!


Na ɛyɛ Nyankopɔn tenenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidie soɔ hyɛne wɔn a wɔgye die nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa soɔ. Na nsonsonoeɛ biara nni mu,


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ no bɛduru ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde deɛ ahunta sum mu bɛba hann mu, na wayi akoma mu agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyie bɛma no.


ɛno na sɛ yɛhyɛ a, wɔrenhu yɛn adagya mu.


Ɛfiri sɛ, mo mu dodoɔ a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo.


na monhyɛ onipa foforɔ a wɔbɔɔ no Nyankopɔn suban so, nokorɛ tenenee ne ahoteɛ mu no.


(Hwɛ, mereba sɛ owifoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ soɔ, na wannante adagya mu, na wɔanhunu ne kwaterekwa.)


Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa, a ɛho teɛ maa no sɛ ɔmfira. Na nwera pa no ne ahotefoɔ tenenee.


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Metu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔabere ho ogya mu, na woanya ahonya ne atadeɛ fitaa, na woahyɛ, na w’adagya ahohora anna adi, ne aniduro a wode bɛsra w’ani, na woahunu adeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan