Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 21:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɛsɛe nnipa bɔne no pasaa, na ɔde bobe turo no ama ahwɛsofoɔ foforɔ a wɔde aduaba bɛbrɛ no ne berɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɛsɛe nnipa bɔne no pasaa, na ɔde bobe turo no ama ahwɛsofoɔ foforɔ a wɔde aduaba bɛbrɛ no ne berɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Yudafo mpanyin no buae se, “Ɔno nso bekum saa atirimɔdenfo no na ɔde afuw no ama akuafo foforo a wɔde ne kyɛfa bɛma no bere a ɛsɛ mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Yudafoɔ mpanin no buaa sɛ, “Ɔno nso bɛkum saa atirimuɔdenfoɔ no na ɔde afuo no ama akuafoɔ foforɔ a wɔde ne kyɛfa bɛma no ɛberɛ a ɛsɛ mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbɛsɛe nnipa bɔne no pasaa, na ɔde bobe turo no ama ahwɛsofo foforo a wɔde aduaba bɛbrɛ no ne bere mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 21:41
38 Iomraidhean Croise  

Wode dadeɛ poma bɛbubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.


Na mobɛgya mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mayi wɔn, na AWURADE Nyankopɔn bɛku mo, na wato ne nkoa din foforɔ,


Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.


na asase no bɛtwa agyaadwo, abusua abusua; Dawid fie abusua nko ne wɔn yerenom nko, Natan fie abusua nko ne wɔn yerenom nko,


Na wɔbɛtwitwa asase no nyinaa so nkyɛmu mmienu ma no adwerɛ, nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔbɛgya no wɔ so, AWURADE asɛm nie.


Na aduaba berɛ duruiɛ no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ ahwɛsofoɔ no nkyɛn sɛ wɔnkɔgye n’aduaba mmra.


Enti da a bobe turo wura no bɛba no, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ ahwɛsofoɔ no?


Yei nti mese mo sɛ: Wɔbɛgye Nyankopɔn ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.


Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra aporoeɛ hɔ fitaa. Ɔbɛboaboa n’ayuo ano akɔgu san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.


Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ yi, na ɔde bobe turo no ama afoforɔ. Na wɔteeɛ no, wɔkaa sɛ: Onyame mpa ngu!


Na wɔgyee ho akyinnyeɛ pii no, Petro sɔre ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, mo ara monim sɛ mfitiaseɛ no ara na Onyankopɔn yii me wɔ yɛn mu sɛ me na amanaman no mfa m’anomu asɛm so nte asɛmpa no na wɔnnye nni.


Na wɔtuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporoo n’atadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ara mo atifi; me deɛ, me ho afi. Ɛfiri nnɛ merekɔ amanaman no mu.


Enti monhunu sɛ wɔama wɔde Nyankopɔn nkwagyeɛ no akɔma amanaman mufoɔ; na wɔbɛte.


Na ɛbaa sɛ na Publio n’agya da hɔ yare huraeɛ ne konkurowa; enti Paulo kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbɔɔ mpaeɛ, de ne nsa guu ne so saa no yadeɛ.


Wɔbara yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuo no anya aba wɔn so awie.


Monhwɛ na moampo deɛ ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo deɛ ɔkasaa asase soɔ no amfiri ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdane firi deɛ ɔfiri soro kasa no ho a, yɛbɛdwane?


yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan