Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 21:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na sɛ yɛka sɛ ɛfiri nnipa a, yɛsuro nkurɔfokuo no; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Na sɛ yɛka sɛ ɛfiri nnipa a, yɛsuro nkurɔfokuo no; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Na sɛ yɛka se, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, dɔm no bɛhaw yɛn efisɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, ɛdɔm no bɛha yɛn ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Na sɛ yɛka sɛ efi nnipa a, yesuro nkurɔfokuw no; efisɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 21:26
17 Iomraidhean Croise  

Na hwan nti na w’akoma tuiɛ na wosuroeɛ, na wodii atorɔ, na woankae me amfa anhyɛ w’akoma mu yi? Me deɛ, ɛnyɛ komm a mefiri tete mayɛ nti na wonsuro me yi anaa?


Anaasɛ adɛn nti na mofirii adie? Mokɔhwɛɛ odiyifoɔ anaa? Aane, mese mo sɛ, ɔsene odiyifoɔ mpo.


Na ɔpɛɛ sɛ ɔkum no, nanso na ɔsuro nkurɔfoɔ no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.


Na nkurɔfoɔ akuakuo no se: Oyi ne Yesu, odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Yohane asubɔ no, ɛfiri he? Ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa? Na wɔsusuu wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ ɛfiri soro a, ɔbɛse yɛn sɛ: Adɛn nti na moannye no annie?


Na wɔbuaa Yesu sɛ: Yɛnnim. Na ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.


Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no nanso na wɔsuroo nkurɔfoɔ akuakuo no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.


Anaasɛ yɛnka sɛ: Ɛfiri nnipa? Na wɔsuro nkurɔfokuo no, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifoɔ ampa.


Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso na wɔsuro nkurɔfokuo no; na wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn. Na wɔgyaa no hɔ sii mu kɔe.


Na Herode suro Yohane, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee ne kronkron; na ɔbɔɔ ne ho ban, na ɔretie no a, ne ho yera no pii, nanso ɔde anigyeɛ tiee no.


Na Atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa kɔsɔ ne mu kye no dɔn no ara mu, nanso wɔsuroo ɔman no; ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn.


Na sɛ yɛka sɛ ɛfiri nnipa a, ɔman no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ; ɛfiri sɛ wɔgye di ampa sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛyɛ na wɔakum Yesu; ɛfiri sɛ na wɔsuro ɔman no.


Ɔno ne kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn; na mo deɛ, mopɛɛ sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.


N’awofoɔ kaa yei, ɛfiri sɛ na wɔsuro Yudafoɔ no; na Yudafoɔ no apam dada sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔno ne Kristo no a, wɔbɛtu no afiri hyiadan mu.


Ɛnna ɔsafohene ne asomfoɔ no firi hɔ kɔ kɔfaa wɔn baeɛ, ɛnyɛ anibereɛ so, ɛfiri sɛ na wɔsuro ɔman no sɛ anyɛ a wɔbɛsi wɔn aboɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan