Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 21:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu san kɔɔ hyiadan mu hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne kyɛn bebisaa no tumi ko a ogyina so pam aguadifo ne sikasesafo no fii hyiadan mu hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu sane kɔɔ asɔrefie hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne kyɛn bɛbisaa no tumi ko a ɔgyina so pamoo adwadifoɔ ne sikasesafoɔ no firii asɔrefie hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na oduu asɔrefi na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyimfo ne ɔman no mpanyimfo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi, na hena na ɔmaa wo tumi yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 21:23
12 Iomraidhean Croise  

Na ɔbuaa sɛ: Hwan na ɔde wo sii yɛn so otitire ne osennifoɔ? Wopɛ sɛ woku me sɛdeɛ wokum Misraimni no anaa? Na Mose suroe, na ɔse: Ampa ara, asɛm no apue!


Na ɔsee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ me bobe turo mu, na akatua a ɛyɛ no na mede bɛma mo.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Me nso mɛbisa mo asɛm baako a, sɛ moyi m’ano a, me nso mɛka tumi a mede meyɛ nnoɔma yi makyerɛ mo:


Na Yesu firii asɔrefie hɔ a ɔrekorɔ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn sɛ wɔrebɛkyerɛ no asɔrefie aban no.


Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so de nkrantɛ ne mmaa rebɛkye me? Metenaa asɔrefie mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankye me.


Na daa ɔkyerɛkyerɛɛ asɔrefie hɔ; na na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne ɔman no mu atitire rehwehwɛ no aku no.


Na ɛbaa sɛ da koro bi a ɔrekyerɛkyerɛ ɔman no wɔ asɔrefie, na ɔreka asɛmpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no baa ne so,


Na wɔde wɔn bɛgyinaa mfimfini bisaa wɔn sɛ: Tumi bɛn mu anaa din bɛn mu na moyɛɛ yei?


Na deɛ ɔreyɛ ne yɔnko bɔne no summ no kaa sɛ: Hwan na ɔde wo sii yɛn so panin ne temmufoɔ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan