Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 21:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na ɔhunuu borɔdɔma bi kwan so no, ɔkɔɔ ho, na wanhunu hwee wɔ so sɛ ahahan nko ara. Na ɔsee no sɛ: Worenso aba bio ara da! Na amonom hɔ ara na borɔdɔma no poeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na ɔhunuu borɔdɔma bi kwan so no, ɔkɔɔ ho, na wanhunu hwee wɔ so sɛ ahahan nko ara. Na ɔsee no sɛ: Worenso aba bio ara da! Na amonom hɔ ara na borɔdɔma no poeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Ohuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɔkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso oduu hɔ no, ohuu sɛ nhaban nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no se, “Efi nnɛ, worensow aba bio!” Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɛkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wuiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na ohuu borɔdɔma bi ɔkwan so no, otwiw bɛn ho, na wanhu hwee wɔ so sɛ nhaban nko. Na osee no sɛ: Worensow aba bio ara da! Amonom hɔ ara na borɔdɔma nhaban no poe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 21:19
17 Iomraidhean Croise  

na ɔfuntumm mu tutuu mu aboɔ, na ɔtetɛɛ mu bobe pa, na ɔtoo abantenten sii mu, na ɔtuu mu nsakyi-amena nso; na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba: Ɛnna ɛsoo abuntwerɛ.


Berɛ a mɛsesa wɔn akorɔ no, AWURADE asɛm nie, wɔrenhunu esia esia bobe ho, anaa borɔdɔma wɔ borɔdɔma nnua so, na ahahan mpo adwinnwan, na deɛ mede memaa wɔn no afiri wɔn nsa.


Na asuafoɔ no hunuiɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔkaa sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na amonom ha yi ara borɔdɔma yi apoɔ yi?


Na ɔkasa kyerɛɛ borɔdɔma no sɛ: Obiara renni wo so aba bio da! Na asuafoɔ no teeɛ.


Na anɔpatutu a wɔretwam no, wɔhunuu sɛ borɔdɔma no awu firi ne nhini ase.


Nanso wɔde akuma no ato nnua nhini no ho dada sɛ dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.


Me ho ban biara a ɛnso aba no, ɔyi; na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho, na aso aba bebree.


Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye.


wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dane wo ho firi wɔn ho!


Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma po no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfoɔ ne asoɔdenfoɔ, na wɔmfra mma adwuma pa biara.


Yeinom yɛ mo dɔ adidie mu nkekaeɛ, wɔne mo redidi, wɔmfɛre adeɛ, wɔyɛne wɔn ho; wɔyɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, nnua a ɛso nhahan aporeɛ a ɛnni aba, na awu mprenu a ne nhini atutuo,


Deɛ ɔntene no nntene ara, na deɛ ɔyɛ fi no nyɛ fi ara. Na deɛ ɔtene no ntene ara, na deɛ ɔyɛ kronkron no nyɛ kronkron ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan