Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 21:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 na wɔbisaa no sɛ: Wote deɛ yeinom reka no? Na Yesu see wɔn sɛ: Aane. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkɔkoaa ne wɔn a wɔnom nufoɔ ano mu na woasiesie ayeyie, anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 na wɔbisaa no sɛ: Wote deɛ yeinom reka no? Na Yesu see wɔn sɛ: Aane. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkɔkoaa ne wɔn a wɔnom nufoɔ ano mu na woasiesie ayeyie, anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Enti wobisaa Yesu se, “Wote nsɛm a mmofra no reka no ana?” Yesu bua se, “Yiw. Na monkenkan saa Kyerɛwsɛm a ɛka se, “ ‘Mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano kamfo wo’ no da, ana?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Enti, wɔbisaa Yesu sɛ, “Wote nsɛm a mmɔfra no reka no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Aane. Na monkenkanee saa Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “ ‘Mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano kamfo wo’ no da anaa?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 na wobisaa no sɛ: Wote nea eyinom se yi? Na Yesu see wɔn sɛ: Yiw. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu ano na woasiesie ayeyi, anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 21:16
11 Iomraidhean Croise  

Wo a w’animuonyam pue firi mmɔfra ne nkɔkoaa anomu. Wo na woasiesie abankɛseɛ, w’atamfo nti, na wode amua ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ ano.


Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa.


Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkann deɛ Dawid yɛeɛ, berɛ a ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no?


Na ɔbua see wɔn sɛ: Monkenkanee sɛ ɛfiri mfitiaseɛ no, deɛ ɔbɔɔ onipa no, ɔbarima ne ɔbaa na ɔyɛɛ wɔn?


Na ɛfa awufoɔ sɔreɛ ho deɛ, monkenkann deɛ Onyankopɔn kaeɛ no pɛn


Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue!


Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkanee deɛ Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛhiaa no, na ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn?


Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue! Na ahohia kɛseɛ bɛba asase no so, na abufuo bɛda ɔman yi so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan