Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 21:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Yesu kɔɔ asɔrefie, na ɔkɔpamm wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ firii asɔrefie hɔ, na ɔkaa sikasesafoɔ apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkonnwa butui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Yesu kɔɔ asɔrefie, na ɔkɔpamm wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ firii asɔrefie hɔ, na ɔkaa sikasesafoɔ apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkonnwa butui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Yesu fii hɔ no, ɔkɔɔ hyiadan mu. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa gui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Yesu firii hɔ no, ɔkɔɔ asɔrefie. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu apata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa guiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Yesu kɔɔ asɔrefi, na ɔkɔpam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ fii asɔrefi hɔ, na ɔkaa sikasesafo apon ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkongua butuwii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 21:12
18 Iomraidhean Croise  

Deɛ wɔmma nie: Obiara a wɔkan no fra dodoɔ a wɔkan wɔn no mu no mma dwetɛbena fa, sɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ, (dwetɛbena baako yɛ gera aduonu), dwetɛbena fa sɛ AWURADE mmasoɔ afɔrebɔdeɛ.


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi ntakraboa mu na ɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE a, ɔmfa anyankuku anaa mmorɔnoma mma nyɛ n’ayɛyɛdeɛ mmra.


Na sɛ ahodwira nna no wie du ma ɔbabanin anaa ɔbabaa no a, ɔmfa odwanten ba a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aborɔnoma ba anaa anyankuku a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛma ɔsɔfoɔ no.


Na sɛ ne nsa anso odwan ba so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra mmɛma, baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na baako nso nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na ne ho nte.


ne anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu a ne nsa bɛso soɔ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;


Na ɔmfa anyankuku anaa mmorɔnoma mma a ne nsa bɛso soɔ no mu baako,


Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔmfa mma ɔsɔfoɔ no.


Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ ɔsɔfoɔ, ahyiaeɛ ntomadan no ano.


Na sɛ ne nsa anso anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu so a, deɛ ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ ho ayɛyɛdeɛ ne esiam olonka abupɛn du mu baako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohwamfufuo nnto so, ɛfiri sɛ ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.


Na sɛ ne nsa anso odwan so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodie ho afɔdeɛ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na ɔhyɛnee Yerusalem kɔɔ asɔrefie. Na ɔhwɛɛ nnoɔma nyinaa, na adeɛ reyɛ asa no, ɔne dummienu no firi kɔɔ Betania.


na wɔakɔbɔ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔaka wɔ Awurade mmara mu no: Anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu.


Na Yudafoɔ Twam da abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan