Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 21:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na nkurɔfoɔ akuakuo no se: Oyi ne Yesu, odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na nkurɔfoɔ akuakuo no se: Oyi ne Yesu, odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nnipadɔm no buae se, “Ɛyɛ Yesu, Odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nnipadɔm no buaa sɛ, “Ɛyɛ Yesu, Odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na nkurɔfo akuwakuw no se: Oyi ne Yesu, odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 21:11
20 Iomraidhean Croise  

Na ɔba bɛtenaa kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.


Na ɔduruu Yerusalem no, kuro mu no nyinaa bɔɔ twi sɛ: Hwan ni?


Na sɛ yɛka sɛ ɛfiri nnipa a, yɛsuro nkurɔfokuo no; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.


Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no nanso na wɔsuroo nkurɔfoɔ akuakuo no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.


Na ebinom se: Ɛyɛ Elia; na ebinom nso se: Ɛyɛ odiyifoɔ te sɛ adiyifoɔ no mu baako.


Nanso ɛsɛ sɛ menante nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyeeɛ; na ɛnni ho kwan sɛ odiyifoɔ bi bɛtɔ baabi, gye Yerusalem.


Na ɔbisaa wɔn sɛ: Nsɛm bɛn? Na wɔsee no sɛ: Deɛ ɛfa Nasareni Yesu a ɔyɛ odiyifoɔ a ɔwɔ tumi, nneyɛɛ ne ɔkasa mu, Onyankopɔn ne ɔman nyinaa anim no ho,


Na ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifoɔ kɛseɛ asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.


Na Farisini a ɔhyiaa no adidie no hunuiɛ no, ɔkaa ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a, anka ɔbɛhunu onii ne ɔbaa ko a ɔde ne nsa ka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni.


Na wɔbisaa no sɛ: Ɛnneɛ na hwan ne wo? Wone Elia? Na ɔse: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifoɔ no? Na ɔbuaa sɛ: Dabi.


Na wɔbisaa no sɛ: Sɛ wonyɛ Kristo no, anaa Elia anaa odiyifoɔ no a, ɛnneɛ adɛn nti na wobɔ asu yi?


Ɔbaa no see no sɛ: Owura, mahunu sɛ woyɛ odiyifoɔ.


Afei nnipa no hunuu nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛeɛ no, wɔkaa sɛ: Ampa, odiyifoɔ a ɔreba wiase no nie!


Na nkurɔfokuo no tee nsɛm yi no, wɔn mu binom kaa sɛ: Odiyifoɔ no nie ampa!


Ɛnna wɔsee onifirani no bio sɛ: Wo deɛ, woka deɛn ne ho, sɛ ɔbuee w’ani no? Na ɔse: Ɔyɛ odiyifoɔ.


Oyi ne Mose a ɔka kyerɛɛ Israel mma sɛ: Odiyifoɔ a ɔte sɛ me na Onyankopɔn bɛma no so mo nuanom mu ama mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan