Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 20:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔne adwumayɛfoɔ no dii ano sɛ da koro denare baako no, ɔmaa wɔkɔɔ ne bobe turo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔne adwumayɛfoɔ no dii ano sɛ da koro denare baako no, ɔmaa wɔkɔɔ ne bobe turo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ne nsa kaa apaafo no, ɔne wɔn hyehyɛɛ sɛ obetua wɔn da koro adwuma so akatua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ne nsa kaa apaafoɔ no, ɔne wɔn hyehyɛɛ sɛ ɔbɛma wɔn ɛda koro adwuma so akatua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔne adwumayɛfo no dii ano sɛ da koro denare biako no, ɔma wɔkɔɔ ne bobe turom hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 20:2
24 Iomraidhean Croise  

Na sɛ me deɛ, mefiri wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a mennim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, ɔbɛkum me. Na me, w’akoa deɛ, mefiri me mmɔfraase mesuro AWURADE.


Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe so, a ɔda so yɛ abɔfra no, ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn, na afe a ɛtɔ so dummienu soɔ no, ɔfirii aseɛ tee Yuda ne Yerusalem ho firii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua ne ɔsene ahoni ne eguo ahoni no ho.


Na kae wo Bɔfoɔ wo mmeranteberɛ mu ansa na nna bɔne no aba, na mfeɛ a wobɛka sɛ: Menni ho anigyeɛ, no adu;


Na akoa no ara firii adie no, ɔkɔhunuu ne nwirakwaa no mu baako a ɔde no denare ɔha; na ɔsɔɔ no mu, tim no amenewa kaa sɛ: Tua me ka!


Na ɔsoro ahennie te sɛ onipa bi a ɔyɛ afuowura a ɔfirii adi anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfoɔ paa akɔ ne turo mu.


Na ɔbua see wɔn mu baako sɛ: Awɛ, menyɛɛ wo bɔne; wo ne me anni ano denare anaa?


Na ɔfirii adi bɛyɛ anɔpa nnɔnkron kɔhunuu afoforɔ sɛ wɔgyinagyina dwa ase kwa.


Na wɔn a wɔfaa wɔn bɛyɛ anwummerɛ nnɔnnum baeɛ no, wɔn nyinaa nyaa denare denare.


Momfa ɛtoɔ sika no bi mmɛkyerɛ me! Na wɔde denare brɛɛ no.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua.


Na ɔhunuu wɔn nyaatwom no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ.


Ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afiri ne na yam mpo.


Na adeɛ kyeeɛ no, ɔyii denare mmienu de maa ahɔhodan mu panin no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ no, na biribiara a wobɛhwere aka ho no, mesane meba a, mɛhyɛ wo ananmu.


Momfa denare mmɛkyerɛ me! Hwan mfonini ne atwerɛ na ɛwɔ soɔ yi? Na wɔkaa sɛ: Kaesare deɛ.


na wofiri wo mmɔfraase nim atwerɛ kronkron no a ɛbɛtumi ama woahunu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidie soɔ akɔ nkwagyeɛ mu.


Na metee nne bi ateasefoɔ baanan no mfimfini a ɛse: Yɛ ayuo susukoraa denare, na yɛ aburoo susukoraa mmiɛnsa denare; nanso ngo ne nsa deɛ, nyɛ no hwee!


Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu.


Na abɔfra Samuel no kɔɔ so ara nyiniiɛ, na ɔnyaa anisɔ, AWURADE ne nnipa anim.


Na abɔfra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛ na nna no mu, na anisoadehunu ntaa mma.


Na AWURADE kɔɔ so yii ne ho adi Silo; na AWURADE nam AWURADE asɛm so yii ne ho kyerɛɛ Samuel wɔ Silo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan