Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 20:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 anaasɛ menni ho kwan sɛ mede me ara m’adeɛ meyɛ deɛ mepɛ anaa? Sɛ me yam yɛ nti na w’ani abere yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 anaasɛ menni ho kwan sɛ mede me ara m’adeɛ meyɛ deɛ mepɛ anaa? Sɛ me yam yɛ nti na w’ani abere yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Mmara bi siw me ho kwan sɛ mede me sika yɛ nea mepɛ? Anaasɛ mʼayamye nti na wʼani abere yi?’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Mmara bi si me ho ɛkwan sɛ mede me sika yɛ deɛ mepɛ? Anaasɛ mʼayamyɛ enti na wʼani abere yi?’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 anaasɛ minni ho kwan sɛ mede me ara m’ade meyɛ nea mepɛ anaa? Sɛ me yam ye nti na w’ani abere yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 20:15
24 Iomraidhean Croise  

Na ɔse: Mɛma me papa nyinaa asene w’anim, na mɛpae me din YHWH (AWURADE) wɔ w’anim; na medom deɛ medom no, na mehunu deɛ mehu no mmɔbɔ no mmɔbɔ.


Nni deɛ ɔwɔ ani bɔne aduane, na mma wo kɔn nnnɔ n’adɔkɔdɔkɔwadeɛ.


Oniberefoɔ pere ahonya ho, na ɔnhunu sɛ ɔhia bɛba ne so.


Merentumi nyɛ mo, Israel fie, sɛ ɔnwomfoɔ yi anaa? AWURADE asɛm nie. Hwɛ, sɛdeɛ dɔteɛ teɛ wɔ ɔnwomfoɔ nsam no, saa ara na mo, Israel fie, nso moteɛ wɔ me nsam.


Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa.


Fa wo deɛ na kɔ! Menni kwan sɛ mema deɛ ɔbaa akyire yi sɛ wo,


Na sɛ w’ani nyɛ a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ kusuu. Na sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ sum a, esum no mu bɛyɛ duru yie.


ayerefasɛm, aniberebereɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.


sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa.


Na Yudafoɔ no hunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, anibereɛ nti, wɔkasakasa tiaa deɛ Paulo reka no gyee no akyinnyeɛ, na wɔkaa abususɛm.


Na hwan na ɔma wo da nso wɔ afoforɔ mu? Na ɛdeɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wonyae a, adɛn nti na wohoahoa wo ho sɛdeɛ ɛnyɛ nya na wonyaeɛ?


Ɔno ara Kristo mu na wayɛ yɛn adedifoɔ nso, sɛdeɛ ɔyɛ nnoɔma nyinaa, ne pɛ agyinatuo soɔ no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,


Na mo a anka moyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ ne bɔne mu,


ama yɛn a anka yɛyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ mu no ne Kristo anya nkwa, (adom na wɔde agye mo nkwa.)


Hwɛ yie na w’akomam amma ahuhusɛm bi sɛ: Afe a ɛtɔ so nson, gyae-mukyɛ afe no abɛn, na woannya wo nua hiani no ho adwemmɔne sɛ woremma no hwee, na wanteam amfrɛ AWURADE antia wo, na annane wo bɔne.


Ɔbarima a ɔdwoɔ na ɔwɔ tema wɔ wo mu bɛnya ne nua ne ne kokom yerɛ ne ne mma nkaeɛ a wama no aka no ho anibɔne,


Ɔnam ɔno ara ne pɛ so na ɔde ne nokwasɛm woo yɛn, sɛ yɛnyɛ n’abɔdeɛ no mu adekan bi.


Anuanom, monngugu ahome nntiatia mo ho, na wɔammu mo atɛn. Hwɛ, ɔtemmufoɔ no gyina ɛpono ano.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan