Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 20:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 sɛ: Akyikafoɔ yi deɛ, dɔnhwere baako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔn ne yɛn a yɛfiri anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 sɛ: Akyikafoɔ yi deɛ, dɔnhwere baako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔn ne yɛn a yɛfiri anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔka kyerɛɛ afuw wura no se, ‘Nnipa a wɔbaa akyiri no yɛɛ adwuma dɔnhwerew baako pɛ, nanso yɛn a yɛyɛɛ adwuma fi anɔpa maa owia hyee yɛn no, womaa yɛne wɔn nyinaa akatua pɛ.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔka kyerɛɛ afuowura no sɛ, ‘Nnipa a wɔbaa akyire no yɛɛ adwuma dɔnhwereɛ baako pɛ, nso yɛn a yɛyɛɛ adwuma firi anɔpa ma owia hyee yɛn no, womaa yɛne wɔn nyinaa akatua pɛ.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 sɛ: Akyirikafo yi de, dɔnhwerew biako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔne yɛn a yefi anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 20:12
20 Iomraidhean Croise  

Na ɛbaa sɛ owia pueeɛ no, Onyankopɔn siesiee apueeɛ mframa a emu yɛ hyeɛ, na owia bɔɔ Yona atifi maa no tɔɔ piti. Na ɔsrɛɛ sɛ anka ɔnwu, na ɔse: Owuo yɛ ma me sene nkwa.


Nso moka sɛ: Hwɛ, ɔbrɛ bɛn nie! Na mopeepee, asafo AWURADE na ɔseɛ, na mode fomfa adeɛ ne aboa apakye ne ɔyarefoɔ ba, na mode bɛyɛ ayɛyɛdeɛ; mɛgye no mo nsam ama no ayɛ me fɛ anaa? AWURADE na ɔseɛ.


Mokaa sɛ: Nyankopɔn som yɛ ɔkwa; na ɛyɛ mfasoɔ bɛn sɛ yɛhwɛɛ n’ahwɛdeɛ na yɛnantee birisi mu wɔ asafo AWURADE anim?


Na ɛkaa wɔn nsa no, wɔnwiinwii afuowura no so


Na mohunu sɛ anafoɔ mframa rebɔ a, mose: Ahuhuro reba; na ɛba mu.


Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afiri mu. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma deɛ so anaa? Dabi, na mmom ɛnam gyidie mmara so.


Sɛ ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ na ɛyɛ Onyankopɔn koro no ara a ɔfiri gyidie mu bu twetiafoɔ bem no, na ɔnam gyidie soɔ bu momonotofoɔ bem.


Ɛde bɛsi dɔn yi mu, ɛkɔm ne sukɔm de yɛn, na yɛda adagya, na wɔhwe yɛn, na yɛnni baabi te,


sɛ amanaman mufoɔ nso bɛyɛ adedifoɔ ne nipadua korɔ no ara bi, na wɔnam asɛmpa no so anya kyɛfa wɔ ne bɔhyɛ no ho bi wɔ Kristo Yesu mu.


Na owia de ne hyehyeɛ firi, na ɛhye wira no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefoɔ nso bɛkusa wɔ n’akwan soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan