Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 2:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔtiee ɔhene asɛm no wieeɛ no, wɔsii mu kɔe; na hwɛ, nsoromma a wɔhunuu no Apueeɛ no dii wɔn anim ara de kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa faako a abɔfra no wɔ no atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na wɔtiee ɔhene asɛm no wieeɛ no, wɔsii mu kɔe; na hwɛ, nsoromma a wɔhunuu no Apueeɛ no dii wɔn anim ara de kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa faako a abɔfra no wɔ no atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Anyansafo no tiee ɔhene no asɛm no wiei no, wɔkɔe. Wɔrekɔ no, nsoromma a wohuu wɔ apuei no san yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Edii wɔn anim kosii faako a wɔawo abofra no wɔ Betlehem hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Anyansafoɔ no tiee ɔhene no asɛm no wieeɛ no, wɔkɔeɛ. Wɔrekɔ no, nsoromma a wɔhunuu wɔ apueeɛ no sane yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Ɛdii wɔn anim kɔsii beaeɛ a wɔawo abɔfra no wɔ Betlehem hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na wotiee ɔhene asɛm no wiei no, wosiim kɔe; na hwɛ, nsoromma a wohuu no apuei no dii wɔn anim ara de kosii sɛ ekogyinaa faako a abofra no wɔ no atifi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 2:9
7 Iomraidhean Croise  

Onipa biara a ɔsuro AWURADE no, ɔbɛkyerɛ no kwan a ɔmfa soɔ.


Me deɛ, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.


Na wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee kɛseɛ pa ara.


bisaa sɛ: Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no.


Afei ɔsomaa wɔn Betlehem sɛ: Monkɔ nkɔhwehwɛ abɔfra no yie; na sɛ monya hu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔ nkɔkoto no bi.


Nanso yɛwɔ adiyifoɔ asɛm a ɛgyina hɔ pintinn kyɛne saa, ɛno na sɛ mohwɛ no yie sɛ kanea a ɛhran baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kɔsi sɛ adeɛ bɛkye na adekyeeɛ nsoromma no apue mo akoma mu a, moyɛ no yie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan