Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 2:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na ɔhyiaa ɔman no mu asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na ɔhyiaa ɔman no mu asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo behyiae. Obisaa wɔn se, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bɛhyiaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na ohyiaa ɔman no mu asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nyinaa bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 2:4
30 Iomraidhean Croise  

na wɔdii nnesoasoafoɔ no so, na wɔhwɛɛ adwumayɛfoɔ nyinaa so sɛdeɛ ɔsom ahodoɔ no teɛ; nso na Lewifoɔ no mu binom yɛ atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ.


Na Hilkia bua see Ɔtwerɛfoɔ Safan sɛ: Mmara nwoma no na mahu no AWURADE fie yi. Na Hilkia de nwoma no maa Safan.


Nso asɔfoɔ no mu mpanimfoɔ nyinaa ne ɔman no maa wɔn mmarato dɔɔso pii sɛ wiase amanaman akyiwadeɛ nyinaa, na wɔguu AWURADE fie a wayɛ no kronkron Yerusalem no ho fi.


Ɛnna Esra sɔreeɛ, na ɔmaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Lewifoɔ ne Israel nyinaa kekaa ntam sɛ wɔbɛdi asɛm yi so. Na wɔkekaa ntam no.


ɔno Esra no foro firi Babel bae, nso ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a na wawedare Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de maeɛ no mu. Ɔno na ɔhene de deɛ ɔbisaeɛ nyinaa maa no, ɛfiri sɛ na AWURADE ne Nyankopɔn nsa wɔ ne so.


Salu, Amok, Hilkia, Yedaia. Yeinom ne asɔfoɔ no ne wɔn nuanom atitire, Yesua berɛ so.


Asase so ahemfo sɔre gyina, na atumfoɔ bom tu agyina tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ,


Nanso na moka sɛ: Yɛyɛ anyansafoɔ, AWURADE mmara wɔ yɛn hɔ? Ampa, hwɛ, atwerɛfoɔ pɛnsere torofoɔ ama no adane atorɔ.


Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ, na wɔnyɛ nhwɛsoɔ mma afoforɔ, mmara no so die mu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɔfoɔ ne no.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei nti ɔtwerɛfoɔ biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahennie no te sɛ efiewura bi a ɔfiri n’agyapadeɛ mu yi nnoɔma foforɔ ne dada adie.


Na Ɔhene Herode teeɛ no, ɔne Yerusalemfoɔ nyinaa akoma tui;


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Betlehem a ɛwɔ Yudea; na saa ara na odiyifoɔ no atwerɛ sɛ:


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ, ne mmɔfra a wɔteateaa mu asɔrefie sɛ: Hosiana Dawid ba no no, anyɛ wɔn abodwo,


Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dummienu no mu baako bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nkyɛn ka ne ho.


Na adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no mu mpanimfoɔ no tuu ne ho agyina sɛ wɔbɛkum no.


ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ deɛ ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn Atwerɛfoɔ no.


Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ no po no, na wɔkum no, na ne nnansa soɔ wasɔre;


Na Atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa kɔsɔ ne mu kye no dɔn no ara mu, nanso wɔsuroo ɔman no; ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn.


Nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no gyina hɔ, na wɔtotoo n’ano ara.


Ɛnna Yuda de asraafokuo ne asomfoɔ a wɔfiri asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn baa hɔ; wɔkurakura ntɛnee, nkanea ne akodeɛ.


Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ na wonnim yeinom?


Farisifoɔ no tee sɛ nkurɔfokuo no rewiinwii keka yeinom wɔ ne ho. Na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no somaa asomfoɔ sɛ wɔnkɔkye no.


Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no de ɔbaa bi a wɔakye no adwamammɔ mu bae; na wɔde no bɛgyinaa mfimfini no,


Na wɔteateaa mu kɛseɛ, na Atwerɛfoɔ a wɔwɔ Farisifoɔ afa no sɔre kasakasaa sɛ: Yɛnhunu bɔne biara wɔ onipa yi mu; na sɛ honhom anaa ɔbɔfoɔ akasa akyerɛ no ɛ?


Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, wɔn atitire ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ bɛhyiaa Yerusalem,


Na wɔhwanyann ɔman no ne mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no mu, na wɔbaa ne so bɛkyeree no twee no kɔɔ dwa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan