Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 2:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na ɔba bɛtenaa kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na ɔba bɛtenaa kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na deɛ odiyifoɔ no kaeɛ no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Enti wɔkɔtenaa kurow Nasaret mu. Eyi nso maa nea adiyifo no kae se, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Enti, wɔkɔtenaa kuro Nasaret mu. Yei nso maa deɛ adiyifoɔ no kaeɛ sɛ, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na ɔba bɛtenaa kurow bi a wɔfrɛ no Nasaret mu, na nea odiyifo no kae no aba mu sɛ: Wɔbɛfrɛ no Nasareni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 2:23
20 Iomraidhean Croise  

Na yei ne ahotuafoɔ ho mmara: Ɛda a n’ahotua nna wie duro no, wɔmfa no mmra ahyiaeɛ ntomadan ano,


Na yei nyinaa yɛɛ hɔ, na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ:


Na nkurɔfoɔ akuakuo no se: Oyi ne Yesu, odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no.


Na ɔfiri adi kɔɔ ntwonoo mu no, abaawa foforɔ bi nso hunuu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam!


Ɛdeɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim wo nipa ban, Onyankopɔn Hoteeni no.


Na ɛbaa sɛ nna no mu no, Yesu firi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Asubɔntene Yordan mu.


Na bosome a ɛtɔ so nsia no mu no, Onyankopɔn somaa Ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea kuro bi a wɔfrɛ no Nasaret mu,


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, Yesu Nasareni no na ɔretwam.


Na wɔwiee amanneɛ nyinaa yɛ sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no, wɔsane kɔɔ wɔn kuro Nasaret a ɛwɔ Galilea mu.


Wɔbuaa no sɛ: Yesu, Nasareni no. Yesu see wɔn sɛ: Meni! Nso Yuda a ɔyii no maeɛ no nso ne wɔn na ɛgyina hɔ.


Ɛnna ɔbisaa wɔn bio sɛ: Morehwehwɛ hwan? Na wɔse: Yesu, Nasareni no.


Na Pilato twerɛɛ ɛho asɛm nso, na ɔde famm asɛnnua no atifi, na ɛka sɛ: Yesu, Nasareni, Yudafoɔ hene.


Israel mmarima, montie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenneɛ ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔno Onyankopɔn no ara nam ne so yɛɛ no mo mu yii no kyerɛɛ mo, sɛdeɛ mo ara nso monim no,


Yɛahunu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufoɔ a ɔde mansotwe ba Yudafoɔ a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin.


Na hwɛ, worebɛnyinsɛn awo ɔbabarima a yiwan renka ne tire, na abɔfra no bɛyɛ Nyankopɔn hotuafoɔ afiri yafunum na ɔno na ɔbɛfiri aseɛ agye Israel afiri Filistifoɔ nsam.


Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnneɛ mede no bɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan biara renka ne ti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan