Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 2:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na wɔyi kyerɛɛ no daeɛ mu no, ɔmane faa Galilea fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na wɔyi kyerɛɛ no daeɛ mu no, ɔmane faa Galilea fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Yosef tee sɛ Arkelao a ɔyɛ Herode ba na odi hene wɔ Yudea saa bere no mu no, osuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade san soo no dae foforo bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Yosef tee sɛ Arkelao a ɔyɛ Herode ba na ɔdi ɔhene wɔ Yudea saa ɛberɛ no mu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade sane soo no daeɛ foforɔ bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, osuroe sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na woyi kyerɛɛ no ɔdae mu no, ɔman kɔɔ Galilea fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 2:22
18 Iomraidhean Croise  

AWURADE bɛhwɛ w’adifire ne wo fieba so afiri seesei de akɔsi daa.


sɛ saa Nyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ de akɔsi owuo mu.


Wonam w’atirimpɔ so kyerɛkyerɛ me kwan, na akyire yi no, woagye me akɔ animuonyam mu.


Na w’aso nso bɛte w’akyiri asɛm bi sɛ: Yei ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnante so.


Na ɔredwennwene yeinom ho no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na deɛ ɔnyem no firi Honhom Kronkron mu.


Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi firi Apueeɛ baa Yerusalem


Na Herode wuiɛ no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Yosef daeɛ mu wɔ Misraim


Na ɔsɔre faa abɔfra no ne ne na, na ɔbaa Israel asase so.


Ɛnna Yesu firi Galilea baa Yordan ho, Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu.


Na wɔwiee amanneɛ nyinaa yɛ sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no, wɔsane kɔɔ wɔn kuro Nasaret a ɛwɔ Galilea mu.


Wɔbua see no sɛ: Dabrɛ wo nso wofiri Galilea? Hwehwɛ mu, na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ nsɔree wɔ Galilea pɛn.


Na Samuel se: Mɛyɛ dɛn makorɔ? Na Saulo te a, ɔbɛku me. Na AWURADE se: Fa nantwie ba kura na kɔka sɛ: Mebaa sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan