Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 2:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Wɔtee nne bi Rama, esu ne awerɛhoɔ kɛseɛ; Rahel resu ne mma, na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ wɔnni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Wɔtee nne bi Rama, esu ne awerɛhoɔ kɛseɛ; Rahel resu ne mma, na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ wɔnni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 “Wɔte nne bi wɔ Rama. Ɛyɛ osu ne agyaadwo; Rahel resu ne mma; na ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ, efisɛ wɔnte ase bio.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 “Wɔte nne bi wɔ Rama. Ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ; Rahel resu ne mma; na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ, wɔnte ase bio”.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Wɔtee nne bi Rama, osu ne awerɛhow kɛse; Rahel resu ne mma, na ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ, efisɛ wonni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 2:18
12 Iomraidhean Croise  

na ɔsane baa ne nuanom nkyɛn bɛkaa sɛ: Abɔfra no nni hɔ, na afei ɛdeɛn na menyɛ?


Na wɔn agya Yakob ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moagye me nsam mma: Yosef nni hɔ, Simeon nni hɔ, na morebɛfa Benyamin nso akɔ. Me so na yei nyinaa ba!


Na ɔdasani deɛ, ɔwu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he?


Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔte nne bi Rama, agyaadwotwa ne esu yaya. Rahel resu ne mma, na ɔmpene sɛ wɔkyekyere ne werɛ ne mma ho, ɛfiri sɛ wɔnni hɔ.


Na metee nne a ɛte sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ deɛ, ahohiahia a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrebone awoɔ deɛ, Sion babaa nne, ɔsi apini, ɔtrɛ ne nsam sɛ: Mennue! Na me kra atɔ awudifoɔ nsam piti.


Na ɔtrɛɛ mu wɔ m’anim, na wɔatwerɛ emu ne akyire, na wɔatwerɛ mu kwadwom, apinisie ne mmusuo.


Ɛnna deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaeɛ no baa mu sɛ:


Na wɔn nyinaa resu, na wɔregyam no. Na ɔse: Monnsu! Na ɔnwui, na wada.


Na mehunui, na metee sɛ ɔkɔdeɛ baako a ɔtu faa soro mfimfini no de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔn a wɔte asase soɔ no nnue, wɔnnue, wɔnnue, totorobɛnto a aka a abɔfoɔ baasa no rebɛhyɛne no nne no nti!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan