Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 2:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔyi kyerɛɛ wɔn daeɛ mu sɛ wɔnnsane nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforɔ bi so sane kɔɔ wɔn kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔyi kyerɛɛ wɔn daeɛ mu sɛ wɔnnsane nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforɔ bi so sane kɔɔ wɔn kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Onyankopɔn soo wɔn dae bɔɔ wɔn kɔkɔ se wɔnnsan nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ wɔn kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Onyankopɔn soo wɔn daeɛ bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnnsane nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɛkwan foforɔ so kɔɔ wɔn kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na woyi kyerɛɛ wɔn ɔdae mu sɛ wɔnnsan nnkɔ Herode hɔ bio no, wɔfaa ɔkwan foforo bi so san kɔɔ wɔn kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 2:12
17 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn baa Aramni Laban nkyɛn anadwo daeɛ mu sɛ: Hwɛ yie, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob.


Na awogyefoɔ no suro Onyankopɔn, enti wɔanyɛ sɛdeɛ Misraimhene ka kyerɛɛ wɔn no, na mmom wɔgyee mmabanin no nkwa.


Ɛnna wɔyii ahuntasɛm no kyerɛɛ Daniel anadwo anisoadehunu mu. Ɛnna Daniel hyiraa ɔsoro Nyankopɔn;


Na ɔredwennwene yeinom ho no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na deɛ ɔnyem no firi Honhom Kronkron mu.


Na wɔfiri hɔ kɔeɛ no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ bi yii ne ho kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu sɛ: Sɔre fa abɔfra no ne ne na, na dwane kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛka makyerɛ woɔ; na Herode rebɛhwehwɛ abɔfra no aku no.


Na Herode wuiɛ no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Yosef daeɛ mu wɔ Misraim


Na ɔtee sɛ Arkelao di Yudea hene n’agya Herode ananmu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ; na wɔyi kyerɛɛ no daeɛ mu no, ɔmane faa Galilea fam.


Na ɔte atemmuo adwa soɔ no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: Mma asɛm bi mmma wo ne onipa tenenee no ntam; na ne nti mahunu amane pii ɔdaeɛ mu nnɛ.


Na Honhom Kronkron no ayi akyerɛ no sɛ ɔrenhunu owuo, gye sɛ wahunu Kristo a ɔyɛ Awurade deɛ no ansa.


Na wɔbuaa sɛ: Asraafoɔ ɔha so panin Kornelio, onipa tenenee a ɔsuro Onyankopɔn na ɔwɔ din pa Yudafoɔ man nyinaa mu, ɔno na ɔbɔfoɔ kronkron bi yi kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛfrɛ wo mmra ne fie, na ɔntie w’anomu nsɛm.


Na Petro ne Yohane bua see wɔn sɛ: Sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ yɛtie mo sene Onyankopɔn a, mommu atɛn!


Na Petro ne asomafoɔ no buaa sɛ: Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn mmom sene nnipa.


Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Nyankopɔn anim; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Ɔkyere anyansafoɔ wɔn aniteɛ mu.


Gyidie na deɛ wɔnnya nhunuu ɛho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fie nkwagyeɛ, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidie ho tenenee ɔdedifoɔ.


Wɔn na wɔsom ɔsoro nnoɔma nhwɛsoɔ ne mfonini, te sɛdeɛ asɛm a berɛ a Mose rebɛsiesie ntomadan no, ɛbaa ne nkyɛn a ɛse: Hwɛ, yɛ adeɛ nyinaa sɛdeɛ nsususoɔ a wɔkyerɛɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan