Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 2:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na wɔkɔɔ dan no mu no, wɔhunuu abɔfra no ne ne na Maria, na wɔkoto sɔree no; na wɔbuee wɔn fotoɔ mu yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne ohwamfufuo ne korɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na wɔkɔɔ dan no mu no, wɔhunuu abɔfra no ne ne na Maria, na wɔkoto sɔree no; na wɔbuee wɔn fotoɔ mu yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne ohwamfufuo ne korɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Woduu ofi a abofra no ne ne na Maria wɔ mu no, wɔkotow sɔree no. Wɔde wɔn akyɛde a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhuam ne kurobow yɛɛ no ayɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔduruu efie a abɔfra no ne ne maame Maria wɔ no, wɔkoto sɔree no. Wɔde wɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhwam ne kurobo yɛɛ no ayɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na wɔkɔɔ dan no mu no, wohuu abofra no ne ne na Maria, na wɔkotow sɔree no; na wobuee wɔn fotow so yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne kurobow.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 2:11
33 Iomraidhean Croise  

Na wɔn agya Israel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛte saa a, ɛnneɛ monyɛ yei: Momfa asase yi so nnepa ngu mo adeɛ mu, na momfa ayɛyɛdeɛ nkɔma ɔbarima no, akyenkyennuro kakra, ɛwoɔ kakra, ohwam, kurobo, nkateɛ ne sorɔno aba nkɔma ɔbarima no.


Na ɔmaa ɔhene sikakɔkɔɔ dwetikɛseɛ ɔha aduonu ne nnuhwam bebree pa ara ne aboɔden aboɔ; nnuhwam bebree saa bi amma bio, sɛdeɛ Seba hemmaa de maa Ɔhene Salomo no.


na ɔne ɛdɔm kɛseɛ de yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika bebree pa ne aboɔden aboɔ baa Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n’akomam nyinaa ho nkɔmmɔ.


Momfa nidie mapa mma no, na ne bo amfu, na moanyera ɔkwan mu; na aka kakra na n’abufuo adɛ. Nhyira ne wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.


Kurobo ne pɛprɛ ne bɛwewonua yi hwa wo ntadeɛ nyinaa mu, sankuo a wɔbɔ no asommɛn aban mu ma w’ani gye.


Tarsis ne nsupɔ mu ahemfo bɛba abɛyɛ ayɛ, Saba ne Seba ahemfo bɛba abɛkyɛ adeɛ.


Na ɔbɛnya nkwa, na ɔde Seba sika no bi bɛma no, na ɔno nso bɛbɔ mpaeɛ ama no daa, ahyira no da mu nyinaa.


Mommra mma yɛmmutu nkoto nsɔre AWURADE, yɛn yɛfoɔ anim.


Wo nso fa nnuhwam mu atitire, kurobo a anene nnwetɛbena ahanum ne dupapo hwanhwam saa fa, ahanu aduonum ne mmetire hwanhwam ahanu aduonum


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa nnuhwam, aneneduro ne nworahwam ne prɛkɛsɛ hwanhwam ne ohwamfufuo korɔgyenn, (wɔnsusu ne nyinaa pɛ),


Hwan ne oyi a ɔforo firi ɛserɛ so ba sɛ wisie a ɛsɔre tee, kurobo ne ohwamfufuo ne odwadini nnuhwam nyinaa apunu no yi?


Yoma manyamanya bɛkata wo so, Midian ne Efa yomaforɔ no. Wɔn nyinaa firi Seba reba, sika ne ohwamfufuo na wɔsoso, na wɔbɛka AWURADE ayeyie.


Na ɔmfa aduane afɔdeɛ no esiam no nsa ma ne ngo no bi ne aduane afɔdeɛ no so hwamfufuo nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam nyɛ nkaeɛ adeɛ mma AWURADE.


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


sika ayowa baako a ano si nnwetɛbena du a aduhwam ayɛ no ma;


sika nyowaa a aduhwam ayeyɛ mu amaama dummienu. Ayowa no baako ano si nnwetɛbena du, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ, na nyowaa no sika nyinaa yɛ nnwetɛbena ɔha aduonu.


Na sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ teɛ nie: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ asiwayere, na wɔnnya nhyiaa mu no, wɔhunuu sɛ ɔnyem deɛ ɛfiri Honhom Kronkron mu.


Na ɔgu so rekasa kyerɛ nkurɔfoɔ akuakuo no, hwɛ, ne na ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa.


Na wɔn a wɔwɔ kodoɔ no mu no ba bɛkotoo no sɛ: Nyankopɔn ba ne wo ampa!


Na wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee kɛseɛ pa ara.


bisaa sɛ: Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no.


Na wɔkɔɔ no ntɛm so, na wɔkɔhunuu Maria ne Yosef ne akɔkoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka no mu.


Na dɔn no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgyeɛ a wɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.


Na Nikodemo nso a da bi ɔbaa Yesu nkyɛn anadwoɔ no bae, na ɔde korɔbɔ ne pɛprɛ mfrafraeɛ bɛyɛ nkariboɔ ɔha bae.


Na mehwee ne nan ase mekotoo no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wɔkura Yesu adanseɛ no mu bi. Koto Onyankopɔn! Na Yesu adanseɛ ne adiyie honhom no.


Na ɔgyee nwoma no no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu nan no hwehwee ase adwammaa no anim, wɔn nyinaa kurakura nsankuo ne sika mfamfa a ohwam a ɛyɛ ahotefoɔ mpaebɔ no ayɛ no mama.


Na nnipa hunu bi kaa sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wɔbuu no animtia, na wɔamfa ayɛyɛdeɛ ammrɛ no. Na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔnteɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan