Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 19:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnna ɔkaa sɛ: Yei nti na ɔbarima bɛgya agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu abɛyɛ honam korɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Ɛnna ɔkaa sɛ: Yei nti na ɔbarima bɛgya agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu abɛyɛ honam korɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Eyi nti na ɔbarima begyaw nʼagya ne ne na hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame hɔ de ne ho akɔbɔ ne yere ho daa nyinaa no.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 19:5
19 Iomraidhean Croise  

Na Yakob ba Dina sɔɔ Sekem ani, na ɔdɔɔ ababaa no, na ɔkorɔkorɔɔ no.


Wo nti me ho hiahia me, me nua Yonatan, w’asɛm yɛɛ me fɛ sɛ, wo dɔ yɛɛ me nwanwa sene mmaa dɔ.


a wɔfiri amanaman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Monnkɔ wɔn mu awareɛ na wɔn nso mmma mo mu, na wɔankom mo akoma anni wɔn anyame no akyi; wɔn na Salomo bataa wɔn ho ɔdɔ mu.


Ɔbabaa, tie, na hwɛ, na yɛ aso, na ma wo werɛ mfiri wo man ne w’agya fie.


Me kra bata wo ho di w’akyi, wo nsa nifa sɔ me mu.


Ɛnyɛ baako na Onyankopɔn yɛɛ mo wɔ ne honhom mu? Na ɛdeɛn ntira, sɛ mobɛwo mma a nyamesuro wɔ wɔn mu. Enti monhwɛ mo ho yie mo honhom ho, na ntwa wo mmeranteberɛ mu yerɛ nkontompo.


Enti na wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ honam korɔ. Enti deɛ Onyankopɔn de abom no, mma onipa biara nntete mu.


Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Monkyiri bɔne, mommata papa ho!


Anaasɛ monnim sɛ deɛ ɔde ne ho bɔ odwamamfoɔ ho no, na ɔne no ayɛ nipadua baako anaa? Ɛfiri sɛ ɔka sɛ: Wɔn baanu bɛyɛ honam baako.


Anka ɛyɛ deɛ, nanso adwamammɔ nti, ɔbarima biara nnya ɔno ara ne yere, na ɔbaa biara nnya ɔno ara ne kunu.


Ɔyere nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom okunu; saa ara nso na okunu nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ɔyere.


Yei nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne ne na, na wakɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ honam korɔ.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka.


Na sɛ mobɛdi mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so ayɛ, na moadɔ AWURADE mo Nyankopɔn anante n’akwan nyinaa so na moabata ne ho a,


na mo a mobataa AWURADE mo Nyankopɔn ho no, mo nyinaa te ase nnɛ.


Na ɔne Saulo kasa wieeɛ no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ ɔno ara ne kra.


Na Dawid waree Ahinoam a ɔfirii Yesreel nso, na wɔn baanu no yɛɛ ne yerenom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan