Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 19:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Aberanteɛ no tee asɛm yi no, ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ; ɛfiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Aberanteɛ no tee asɛm yi no, ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ; ɛfiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Esiane sɛ na saa aberante yi wɔ ahonyade bebree nti, ɔtee saa nsɛm no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhow fii hɔ kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Esiane sɛ na saa aberanteɛ yi wɔ ahonyadeɛ bebree enti, ɔtee saa nsɛm yi no, anyɛ no dɛ maa ɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Aberante no tee asɛm no no, ɔde awerɛhow kɔe; efisɛ ɔwɔ ahonyade bebree.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 19:22
17 Iomraidhean Croise  

AWURADE, fa wo nsa bɛgye me firi nnipa nsam, nnipa a wɔn nkwa kyɛfa yɛ wiase deɛ, fa deɛ wɔasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma; ma wɔn mma nya no mmorosoɔ, na wɔnnya bi mma wɔn mmotafowa.


Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛdeɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔatie wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anomu adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredie; wɔn akoma di wɔn mfasoɔ akyi.


Na deɛ wɔguu no nkasɛɛ mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɛnso aba.


Na ɛyɛɛ ɔhene no ya, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no nti, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa mma no.


Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Anaasɛ, ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?


Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi!


Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefoɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu.


Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtane baako na wadɔ baako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata baako no, na wabu baako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon.


Na asɛm no nti ɔmunae de awerɛhoɔ kɔe; ɛfiri sɛ na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.


Na ɛyɛɛ ɔhene ya pii, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no nti, wampɛ sɛ ɔkame no.


Na ɔtee yei no, ɛyɛɛ no awerɛho sɛ; ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mobɛsu na moatwa adwo, na wiasefoɔ ani bɛgye; na mo deɛ, mo werɛ bɛho, nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.


Ɛfiri sɛ monim dada sɛ odwamammɔfoɔ biara anaa efi adeyɛni anaa oniberefoɔ (a ɔyɛ ɔbosonsonni) nni apɛgyadeɛ Kristo ne Nyankopɔn ahennie mu.


Enti monkum mo akwaa a ɛwɔ asase soɔ no, adwamammɔ, efideɛyɛ, akɔnnɔ nhyɛsoɔ, akɔnnɔ bɔne ne anibereɛ a ɛyɛ abosonsom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan