Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 19:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na hwɛ, obi baa hɔ bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na hwɛ, obi baa hɔ bɛsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛno mu na ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɔkyerɛkyerɛfo, ade pa bɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Ɛda bi aberanteɛ bi baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adepa bɛn na menyɛ na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na hwɛ, obi baa hɔ bebisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 19:16
32 Iomraidhean Croise  

Na wɔn a wɔadeda fam dɔteɛ mu no bebree bɛnyane, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohoradeɛ ne daa ahiyie mu.


Na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn na ɔfiri hɔ kɔeɛ.


Na Yesu hwɛɛ wɔn, see wɔn sɛ: Onipa fam na yei ntumi nyɛ hɔ, na Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.


Na obiara a me nti wagya afie, anaa nuammarima anaa nuammaa, anaa agya anaa ɛna anaa mma, anaa nsase hɔ no, ɔbɛnya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa afa.


Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhwim wɔn mfiri me nsam da.


Deɛ ɔdɔ ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ɔtane ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu.


na obiara a ɔgye no die no anya daa nkwa.


Na deɛ ɔbɛnom nsuo a mɛma no bie no deɛ, osukɔm renne no da; na nsuo a mɛma no no bɛyɛ nsuo abura a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu wɔ ne mu.


Mohwehwɛ atwerɛsɛm no mu, ɛfiri sɛ mosusu sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛno ne deɛ ɛdi me ho adanseɛ,


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔgye die no wɔ daa nkwa.


Simon Petro buaa no sɛ: Awurade, hwan nkyɛn na yɛbɛkorɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm;


na ɔde wɔn firii adie no, ɔkaa sɛ: Awuranom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa?


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ animuonyam ne anidie ne adeɛ a ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn daa nkwa.


Na sɛdeɛ bɔne dii hene owuo mu no, adom nso nam tenenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so kɔ daa nkwa mu.


Nanso yei nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a medi kan mu na Yesu Kristo bɛyi abodwokyɛre nyinaa adi de ayɛ wɔn a wɔrebɛgye no adie akɔ daa nkwa mu no nhwɛsoɔ.


Ko gyidie ko pa no, sɔ daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ woɔ na wopaee mu kaa no yie adansefoɔ pii anim no mu.


na wɔmfa nhyehyɛ fapem pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔasɔ nokorɛ nkwa no mu.


daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,


na wɔnam n’adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidasoɔ ho adedifoɔ.


na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahunu, na yɛdi ho adanseɛ, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na ɛyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo,


Na ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn ne daa nkwa no.


Na yɛnim sɛ Nyankopɔn Ba no aba, na wabɛma yɛn nteaseɛ a yɛde hunu ɔnokwafoɔ no. Na yɛwɔ ɔnokwafoɔ no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokorɛ Nyankopɔn ne daa nkwa no.


mfa mo ho nsie Nyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu nkɔ daa nkwa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan