Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 19:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Ɛnna wɔde mmɔfra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so mmɔ mpaeɛ mma wɔn; nanso asuafoɔ no kaa nnipa a wɔde wɔn baeɛ no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Ɛnna wɔde mmɔfra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so mmɔ mpaeɛ mma wɔn; nanso asuafoɔ no kaa nnipa a wɔde wɔn baeɛ no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔde mmofra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpae mma wɔn. Nanso asuafo no kaa wɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔde mmɔfra nkumaa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so, na ɔmmɔ mpaeɛ mma wɔn. Nanso, asuafoɔ no kaa wɔn a wɔde mmɔfra no baeɛ no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Ɛno na wɔde mmofra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so mmɔ mpae mma wɔn; na asuafo no kaa nnipa a wɔde wɔn bae no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 19:13
15 Iomraidhean Croise  

Na nsɛm yi akyiri no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ: Hwɛ, w’agya yare. Na ɔfaa ne mmabarima baanu, Manase ne Efraim kaa ne ho.


Na mɛma wɔn akoma korɔ ne ɔkwan korɔ, na wɔasuro me daa nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma a wɔbɛdi wɔn akyire no yie.


Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ɔfitii aseɛ twii n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, yei remma wo so da!


Na nnipa bi wɔ hɔ a wɔntumi nwareɛ a wɔwoo wɔn saa firii wɔn na yam, na ebinom nso wɔ hɔ a nnipa na ɛyɛɛ wɔn saa; na ebinom nso wɔ hɔ a ɔsoro ahennie nti na wɔayɛ wɔn ho saa. Deɛ ɔbɛtumi agyeɛ no, ma no nnye.


Na nkurɔfokuo no kaa wɔn anim sɛ wɔmmua wɔn ano. Ɛno mmom ma wɔteateaa mu denden sɛ: Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, Dawid ba!


Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea.


Na okunu a ɔnnye nnie no ho ate wɔ ɔyere no mu, na ɔyere a ɔnnye nnie no ho ate okunu no mu; anyɛ saa deɛ a, na mo mma ho wɔ fi; na afei deɛ wɔn ho ate.


Na ɔtwaa no no, ɔfaa no kaa ne ho de nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam efa baako ne bobesa kotokuo ma de no baa AWURADE fie Silo. Na abɔfra no sua.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan