Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 19:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na nnipa bi wɔ hɔ a wɔntumi nwareɛ a wɔwoo wɔn saa firii wɔn na yam, na ebinom nso wɔ hɔ a nnipa na ɛyɛɛ wɔn saa; na ebinom nso wɔ hɔ a ɔsoro ahennie nti na wɔayɛ wɔn ho saa. Deɛ ɔbɛtumi agyeɛ no, ma no nnye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na nnipa bi wɔ hɔ a wɔntumi nwareɛ a wɔwoo wɔn saa firii wɔn na yam, na ebinom nso wɔ hɔ a nnipa na ɛyɛɛ wɔn saa; na ebinom nso wɔ hɔ a ɔsoro ahennie nti na wɔayɛ wɔn ho saa. Deɛ ɔbɛtumi agyeɛ no, ma no nnye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Nnipa bi wɔ hɔ a wonni mmarimayɛ mu ahoɔden fi awo mu, ebinom nso wɔ hɔ a nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahenni no nti, wɔpo aware. Obiara a obetumi no, nni mʼasɛm a maka yi so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔnni mmarimayɛ mu ahoɔden firi awoɔ mu, ebinom nso nnipa na wɔyɛɛ wɔn saa; ebinom nso ɔsoro Ahennie no enti, wɔpo awadeɛ. Obiara a ɔbɛtumi no, nni mʼasɛm a maka yi so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔwoo wɔn sɛ asigyafo fi wɔn na yam, na asigyafo bi nso wɔ hɔ a nnipa na ɛyɛɛ wɔn saa; na asigyafo bi nso wɔ hɔ a ɔsoro ahenni nti na wɔayɛ wɔn ho saa. Nea obetumi agye asɛm a maka no, ma onnye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 19:12
8 Iomraidhean Croise  

Na wo ara wo mma a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu ayitotofoɔ.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ nnipa nyinaa na ɛbɛtumi agye asɛm yi, gye wɔn a wɔde ama wɔn.


Ɛnna wɔde mmɔfra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so mmɔ mpaeɛ mma wɔn; nanso asuafoɔ no kaa nnipa a wɔde wɔn baeɛ no anim.


Na me deɛ, mamfa yeinom biara anyɛ hwee. Na mantwerɛ yeinom sɛ wɔnyɛ no saa mma me; na ɛyɛ ma me sɛ anka mɛwuo kyɛne sɛ obi bɛma m’ahohoahoa ayɛ kwa.


Yɛnni ho kwan sɛ yɛde onuabaa a ɔyɛ ɔyere kyini sɛ asomafoɔ a aka no ne Awurade nuanom ne Kefa?


Yeinom ne wɔn a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu, wɔn na wɔdi Adwammaa no akyire baabiara a ɔkorɔ. Yeinom na wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu ayɛ wɔn aba a ɔdi kan ama Onyankopɔn ne Adwammaa no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan