Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 18:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na sɛ w’ani to wo suntidua a, tu, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ nkwa mu, sene sɛ wowɔ ani mmienu, na wɔde wo bɛto ogya amanehunu kuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na sɛ w’ani to wo suntidua a, tu, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ nkwa mu, sene sɛ wowɔ ani mmienu, na wɔde wo bɛto ogya amanehunu kuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ wʼani to wo hintidua a, tu na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ ɔsoro sen sɛ wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto amanehunu gya mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ ɔsoro sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto amanehunu egya mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na sɛ w’aniwa to wo hintidua a, tu, na tow fi wo ho kyene! Na eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ aniwa abien, na wɔde wo bɛto ogya amanehunu kurom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 18:9
11 Iomraidhean Croise  

Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Anaasɛ, ɛdeɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?


Na sɛ wo nsa anaa wo nan to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode nansini anaa nsasini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nsa mmienu anaa nan mmienu, na wɔde wo bɛto daa ogya no mu.


Na ɔsee no sɛ: Adɛn nti na wobisa me papa ho asɛm? Ɔbaako na ɔyɛ. Na sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, di mmara nsɛm no so!


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Na sɛ w’ani nifa to wo suntidua a, tu, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ, wo ho akwaa mu baako bɛsɛeɛ, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom.


Na sɛ w’ani to wo suntidua a, tu! Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu, na wɔde wo bɛto amanehunu kurom,


hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛne ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden korɔ no ara ho nhwɛsoɔ.


Na ade-hunu biara ne deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na ɔdi atorɔ renhyɛne mu koraa, gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan