Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 18:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na ɛnam sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua nti, ne wura no hyɛɛ sɛ wɔntɔn no, ne ne yere ne ne mma, ne deɛ ɔwɔ nyinaa na wɔmfa mmɛtua ka no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Na ɛnam sɛ ɔnni deɛ ɔde bɛtua nti, ne wura no hyɛɛ sɛ wɔntɔn no, ne ne yere ne ne mma, ne deɛ ɔwɔ nyinaa na wɔmfa mmɛtua ka no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Esiane sɛ na onni sika a ɔde betua ka no nti, ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmetua ka no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Esiane sɛ na ɔnni sika a ɔde bɛtua ka no enti, ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmɛtua ɛka no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Na sɛ onni nea ɔde betua nti, ne wura no hyɛe sɛ wɔntɔn no ne ne yere ne ne mma ne nea ɔwɔ nyinaa, na wɔmfa mmetua ka no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 18:25
9 Iomraidhean Croise  

Na adiyifoɔ mma no mu baako yere teaa mu ka kyerɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro AWURADE; na ɔkafoɔ aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.


Na afei yɛn honam te sɛ yɛn nuanom honam, yɛn mma te sɛ wɔn mma, na hwɛ, yɛn deɛ, yɛrebrɛ yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa ase de wɔn ayeyɛ nkoa, na yɛn mmammaa mu binom wɔ hɔ a wɔanya abrɛ wɔn ase saa, na ahoɔden biara nni yɛn nsam, na yɛn mfuo ne yɛn bobe nturo yɛ afoforɔ dea.


na mesee wɔn sɛ: Yɛn deɛ, yɛagye yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtontɔnee wɔn maa amanaman no, sɛdeɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, mobɛtontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na na wɔnhunu asɛm a wɔde bɛbua.


Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ɔnsom mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, ɔmfa ne ho nkɔdi kwa.


na sɛ owia pue ne so deɛ a, wɔbɛdi ne mogya ho so. Ananmu na ɔnsie; sɛ ɔnni biribi a, ne korɔno no nti wɔntɔn no.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛhe ara na mo na awaregyaeɛ nwoma a mede megyaee no no wɔ? Anaasɛ m’akafoɔ mu hwan na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumuyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔagyae mo na.


Na sɛ ɛhia wo nua a ɔwɔ wo nkyɛn na wɔtɔn no ma wo a, nni no nya,


Na ɔfitii aseɛ buiɛ no, wɔde ɔbaako a ɔde no ɛka talente ɔpedu brɛɛ no.


Na wɔnnya biribi ntua no, ɔde kyɛɛ wɔn baanu nyinaa kwa. Enti kyerɛ me wɔn mu deɛ ɔbɛdɔ no bebrebe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan