Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 18:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Yei nti ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne ne nkoa bu nkonta.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Yei nti ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne ne nkoa bu nkonta.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne nʼapaafo bu nkontaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne nʼapaafoɔ bu nkonta.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Eyi nti ɔsoro ahenni te sɛ ɔhene bi a ɔpɛe sɛ ɔne ne nkoa bu akontaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 18:23
17 Iomraidhean Croise  

Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ: Ɔsoro ahennie no te sɛ onipa bi a ɔguu aba pa n’afuo mu.


Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ: Ɔsoro ahennie te sɛ sinapi fua a onipa bi fa kɔduaa n’afuo mu.


Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ sɛ: Ɔsoro ahennie te sɛ mmɔka a ɔbaa bi fa kɔfraa esiam korokuma mmiɛnsa ma mu de kɔsii sɛ ne nyinaa kaeɛ.


Bio ɔsoro ahennie te sɛ asau a wɔde guu po mu na ɛbumaa nam ahodoɔ nyinaa bi;


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei nti ɔtwerɛfoɔ biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahennie no te sɛ efiewura bi a ɔfiri n’agyapadeɛ mu yi nnoɔma foforɔ ne dada adie.


Na ɔfitii aseɛ buiɛ no, wɔde ɔbaako a ɔde no ɛka talente ɔpedu brɛɛ no.


Ɛnna wɔde ɔsoro ahennie no bɛto mmabaawa du bi a wɔtasee wɔn nkanea firi adi sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu no ho.


Na ɛte sɛ onipa bi a ɔretu kwan akɔ baabi, na ɔfrɛɛ ɔno ara ne nkoa, na ɔde deɛ ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa.


sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn.


Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho.


Enti afei yɛn nyinaa bɛbu yɛn ho nkonta mmaako mmaako akyerɛ Onyankopɔn.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ no bɛduru ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde deɛ ahunta sum mu bɛba hann mu, na wayi akoma mu agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyie bɛma no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan