Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 17:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛbaa sɛ wɔresian afi bepɔw no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano se, “Monnka nea moahu no nkyerɛ obiara kosi sɛ menyan afi awufo mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛbaa sɛ wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, “Monnka deɛ moahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ mɛnyane afiri awufoɔ mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na wofi bepɔw no so resian no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka ade a moahu yi nnkyerɛ obiara kosi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afi awufo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 17:9
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnyi no adi,


nanso mese mo sɛ: Elia aba dada, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no deɛ wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na Onipa Ba no rebɛhunu amaneɛ wɔn nsam.


Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ mo gyidie sua; na nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tu firi ha kɔ nohoa, na ɛbɛtu, na anka biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.


Na wɔrekyinkyini Galilea no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa,


na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔbɛnyane. Na ɛyɛɛ wɔn awerɛho pii.


Na wɔmemaa wɔn ani soɔ no, wɔanhunu obiara gye Yesu nko ara.


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.


Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.


Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara.


Na ɛyɛɛ n’awofoɔ ahodwiri; na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka deɛ asie yi nnkyerɛ obiara.


Na ɛnne no twaa mu no, wɔhunuu Yesu nko ara. Na wɔmuamuaa so, na nna no mu no, wɔanka nnoɔma a wɔhunuiɛ no ankyerɛ obiara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan