Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 17:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Prɛko pɛ, Mose ne Elia bepuee hɔ a na wɔne Yesu rekasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Prɛko pɛ, Mose ne Elia bɛfirii hɔ a wɔne Yesu rekasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 17:3
22 Iomraidhean Croise  

Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Hwɛ, meresoma Odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.


Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.


Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, ɛyɛ sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ a, mɛbɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia deɛ baako.


Na Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, a na wɔne Yesu rekasa.


Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bɛdi n’anim akɔdane agyanom akoma aba wɔn mma so ne asoɔdenfoɔ akɔ teneneefoɔ adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade.


Mmara ne adiyifoɔ no bɛpem Yohane so; na ɛfiri ɛno soɔ no, wɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa, na obiara nam anibereɛ so kɔ mu.


Na ɔfiri Mose ne adiyifoɔ nyinaa so kyerɛɛ wɔn atwerɛ nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase.


Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ Mose mmara ne Adiyifoɔ ne Nnwom mu, wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Na ɛbaa sɛ wɔrefiri ne nkyɛn akorɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Owura, ɛyɛ sɛ yɛtena ha, na ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, na Elia deɛ baako; ɛfiri sɛ na ɔnnim deɛ ɔreka.


Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ.


Mɛma odiyifoɔ so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm bɛhyɛ n’anomu, na waka deɛ mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn.


Na odiyifoɔ bi ansɔre Israel mu bio a ɔte sɛ Mose a AWURADE ne no nyaa nkitahodie a emu dɔ yie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan