Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 17:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Ɔse: Ɔtua. Na ɔbaa fie no, Yesu dii kan bisaa no sɛ: Simon, wodwene ho sɛn? Ɛhefoɔ hɔ na asase so ahemfo gyegye adwadeɛ anaa toɔ? Wɔn mma hɔ anaa ananafoɔ hɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Ɔse: Ɔtua. Na ɔbaa fie no, Yesu dii kan bisaa no sɛ: Simon, wodwene ho sɛn? Ɛhefoɔ hɔ na asase so ahemfo gyegye adwadeɛ anaa toɔ? Wɔn mma hɔ anaa ananafoɔ hɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Petro buaa no se, “Yiw otua.” Petro fii hɔ no, ɔkɔɔ fie kɔbɔɔ Yesu amanneɛ a ɛfa towtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na obisaa no se, “Na wo Petro, wo nso wudwen ho dɛn? Ahemfo twa tow ma wɔn ara wɔn manfo tua anaasɛ wotwa ma ahɔho a wodi wɔn so no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Petro buaa no sɛ, “Aane ɔtua.” Petro firi hɔ no, ɔkɔɔ efie kɔbɔɔ Yesu amaneɛ a ɛfa ɛtoɔtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na ɔbisaa no sɛ, “Na wo Petro, wo nso wodwene ho sɛn? Ahemfo twa ɛtoɔ ma wɔn ara wɔn ɔmanfoɔ tua anaasɛ wɔtwa ma ahɔhoɔ a wɔdi wɔn so no?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Ose: Otua. Na ɔbaa ofie no, Yesu dii kan bisaa no sɛ: Simon, wudwen ho dɛn? Ɛhefo hɔ na asase so ahemfo gyigye aguade anaa ɔtow? Wɔn mma hɔ anaa ananafo hɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 17:25
8 Iomraidhean Croise  

Na ɔbuaa sɛ ananafoɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ na mma no de wɔn ho.


Enti kyerɛ yɛn deɛ wodwene. Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare anaasɛ wɔnnyi?


Momfa ɛtoɔ sika no bi mmɛkyerɛ me! Na wɔde denare brɛɛ no.


Wɔse: Kaesare dea. Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare ne Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!


Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ, ma ho kwan; na ɛnam yei so na yɛhyɛ tenenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan.


Yɛwɔ ho kwan sɛ yɛyi toɔ ma Kaesare anaasɛ yɛnnyi?


Na Israel mmarima no kekaa sɛ: Sɛ moahunu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel ara na waba rebɛtwa wɔn poa; na onii ko a ɔbɛku no no, ɔhene bɛma no anya ne ho sɛ, na ɔde ne babaa bɛma no aware, na wama n’agya fie ade wɔn ho wɔ Israel.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan