Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 17:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔbɛnyane. Na ɛyɛɛ wɔn awerɛho pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɔbɛnyane. Na ɛyɛɛ wɔn awerɛho pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 wɔwɔ tumi no nsa, na wɔakum no na ne nnansa so no, wanyan aba nkwa mu bio.” Asuafo no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ howee, na wɔn koma nso tui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 wɔwɔ tumi no nsa, na wɔakum no na ne nnansa so no, wanyane aba nkwa mu bio.” Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ hoeɛ, na wɔn akoma nso tuiɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 na wɔakum no, na ne nnansa so no, obenyan. Na ɛyɛɛ wɔn awerɛhow pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 17:23
18 Iomraidhean Croise  

Na worennya me kra Asamando, woremma wo hoteni nhunu Amena mu porɔeɛ.


M’ahoɔden mu awe sɛ kyɛmferɛ, na me tɛkyerɛma afam me dodom, na wode me ato owuo mfuturo mu.


Wɔhyɛɛ no aniɛyaa na wɔpiraa no, nanso ɔno deɛ wammue n’ano, sɛ adwammaa a wɔde no rekɔ akɔkum no, sɛ odwanten a watɔ ne ho nwitwitwafoɔ anim mum no, saa no wammue n’ano.


Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.


Afena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo AWURADE asɛm nie; bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no nhwete, na mɛdane me nsa aba nkumaa no so.


Na ɛfiri saa berɛ no na Yesu Kristo fitii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na ɔkɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nsam, na wɔakum no, na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no wanyane.


Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.


na wɔde no ahyɛ amanaman mufoɔ nsa sɛ wɔngoro ne ho, na wɔnka no mpire na wɔmmɔ no asɛnnua mu, na da a ɛtɔ so nnansa no ɔbɛnyane bio.


sɛ: Owura, yɛkae sɛ ɔdaadaafoɔ no te aseɛ no, ɔkaa sɛ: Nnansa akyiri mɛnyane.


Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ no po no, na wɔkum no, na ne nnansa soɔ wasɔre;


Na ɔfirii hɔnom no, wɔkɔtwaa mu Galilea, na wampɛ sɛ obi teɛ.


Na sɛ maka yeinom makyerɛ mo nti, awerɛhoɔ ahyɛ mo akoma ma.


Yesu bua see wɔn sɛ: Monnwiri asɔredan yi, na mede nnansa bɛma so bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan