Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 17:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔwɔ hɔ no, wohuu sɛ ne nipadua asakra ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatade ayɛ fitafita sɛ nwera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔwɔ hɔ no, wɔhunuu sɛ ne onipadua asesa ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatadeɛ ayɛ fitafita sɛ nwera.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔsakrae wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntade yɛɛ fitaa sɛ hann.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 17:2
17 Iomraidhean Croise  

Ɔfira hann sɛ ntoma, ɔtrɛ ɔsoro mu sɛ ntomadan tam,


Hwan ne oyi a ɔpue sɛ adekyeeɛ, ne ho yɛ fɛ sɛ ɔsrane, ne ho te sɛ owia, na ne ho yɛ hu sɛ asraafoɔ a wɔkura frankaa yi?


Na nnansia akyiri no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so wɔ fa baabi.


Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn ne no kasaeɛ.


Na ne ho te sɛ anyinam na n’atadeɛ hoa sɛ asukɔtweaa.


na n’atadeɛ hyerɛnn fitafita a asase so ntomasifoɔ biara ntumi nhoa no saa.


Na ɔrebɔ mpaeɛ no, n’anim tebea sakyerae, na n’atadeɛ yɛɛ fitaa, na ɛhrann.


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Agya, wɔn a wɔde wɔn ama me no, mepɛ sɛ faako a mewɔ no, wɔn nso mmɛka me ho, na wɔnhunu m’animuonyam a womaa me no, ɛfiri sɛ wodɔ me ansa na wɔhyɛɛ wiase ase.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ hoɔdenfoɔ bi sɛ ɔfiri soro reba fam, na ɔfira mununkum, na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.


Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan