Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 17:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 nanso mese mo sɛ: Elia aba dada, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no deɛ wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na Onipa Ba no rebɛhunu amaneɛ wɔn nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 nanso mese mo sɛ: Elia aba dada, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no deɛ wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na Onipa Ba no rebɛhunu amaneɛ wɔn nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na nokware ni, Elia aba dedaw na wɔanhu no, na dodow no ara ne no anni no yiye. Na me, Agyenkwa no nso, mehu amane wɔ wɔn nsam saa ara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na nokorɛ ni, Elia aba dada na wɔanhunu no, na dodoɔ no ara ne no anni no yie. Na me, Agyenkwa no nso, mɛhunu amane wɔ wɔn nsam saa ara.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 nanso mise mo sɛ: Elia aba dedaw, na wɔanhu no, na wɔyɛɛ no nea wɔpɛ nyinaa. Saa ara nso na Onipa Ba no rebehu amane wɔn nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 17:12
25 Iomraidhean Croise  

Na Yohane tee Kristo nnwuma wɔ afiase no, ɔsomaa n’asuafoɔ


Na ɛfiri saa berɛ no na Yesu Kristo fitii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na ɔkɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nsam, na wɔakum no, na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no wanyane.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Elia ba na wabɛsiesie nnoɔma nyinaa deɛ,


Ɛnna asuafoɔ no tee aseɛ sɛ Yohane suboni ho asɛm na ɔreka wɔn.


Na wɔrekyinkyini Galilea no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa,


Na wɔfiri bepɔ no so resiane no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka deɛ moahunu yi nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu.


Na Yohane nam tenenee kwan mu baa mo nkyɛn, na moannye no anni; na togyefoɔ ne nnwamamfoɔ na wɔgyee no diiɛ, na mo nso mohunuiɛ no, moannu mo ho akyire yi annye no anni.


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.


Na Yohane suboni aba, ɔnnidi na ɔnnom nsa, na mose: Ɔwɔ honhommɔne.


Ɔbaa ɔno ara ne deɛ mu, na wɔn a wɔyɛ ɔno ara ne deɛ annye no.


ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no.


mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhunu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu, a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asane yi.


Adiyifoɔ no mu hwan na mo agyanom antaa no? Na wɔkumm wɔn a wɔkaa Ɔteneneeni no ba no ho asɛm kane no; ɔno na afei moayi no ama wɔaku no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan