Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 16:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na Yesu hunuiɛ no, ɔkaa sɛ: O nnipa a mo gyidie sua! Adɛn na moredwendwene mo mu sɛ moamfa paanoo ntira?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na Yesu hunuiɛ no, ɔkaa sɛ: O nnipa a mo gyidie sua! Adɛn na moredwendwene mo mu sɛ moamfa paanoo ntira?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo a mo gyidi sua! Adɛn na ɛhaw mo sɛ moamfa aduan?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua! Adɛn na ɛha mo sɛ moamfa aduane?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na Yesu hui no, ɔkae sɛ: Mo gyidi sua. Adɛn na modwennwene mo mu sɛ moamfa abodoo ntia?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 16:8
9 Iomraidhean Croise  

Na ntɛm ara Yesu tenee ne nsa sɔɔ no mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo a wo gyidie sua! Adɛn nti na wogyee akyinnyeɛ?


Na wɔdwendwenee wɔn mu kekaa sɛ: Yɛamfa paanoo no ntira.


Na sɛ Onyankopɔn fira wiram ahahan a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntoma saa a, ɔrenyɛ deɛ ɛkyɛne yei mma mo, mo a mo gyidie sua?


Na ɔsee wɔn sɛ: Mo a mo gyidie sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teateaa mframa ne ɛpo no, na ɛtaa dinn.


Akyire yi a dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim gye a wɔnnye nni no ne wɔn akomaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wɔhunuu no sɛ wasɔre no annie nti.


Afei yɛahunu sɛ wonim nnoɔma nyinaa, na ɛnhia wo sɛ obi bisa woɔ; yei mu na yɛgye di sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ.


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan