Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 16:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Ɛnna Yesu see n’asuafoɔ no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyire a, ma no mpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na ɔnni m’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

24 Ɛnna Yesu see n’asuafoɔ no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyire a, ma no mpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na ɔnni m’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasennua so, na onni mʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasɛnnua so, na ɔnni mʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

24 Ɛnna Yesu see n’asuafo no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na onni m’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 16:24
18 Iomraidhean Croise  

na deɛ ɔmfa n’asɛnnua na ɔnni m’akyire no, ɔmfata me.


Na wɔrefiri adie no, wɔhunuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa no soaa n’asɛnnua no.


Na Yesu hwɛɛ no dinn, na ɔdɔɔ no, na ɔsee no sɛ: Aka wo adeɛ baako: Kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ ɔsoro; na bra bɛdi m’akyi.


Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ɔfiri afuom retwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.


Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ne n’asuafoɔ no bae, ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi pɛ sɛ ɔdi m’akyiri a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na ɔnni m’akyi.


Na obiara a ɔnsoa n’asɛnnua na ɔnni m’akyire no, ɔntumi nyɛ me suani.


Na wɔde no rekorɔ no, wɔsɔɔ Simon bi a ɔfiri Kirene a ɔfiri afuom reba no mu, na wɔde asɛnnua no too ne so sɛ ɔnsoa nni Yesu akyi.


Na ɔso n’asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraabea a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota.


(Ɔkaa yei de kyerɛɛ owu ko a ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam.) Na ɔkaa yei no, ɔsee no sɛ: Di m’akyi!


Yesu see no sɛ: Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, di m’akyi!


hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Afei m’ani gye amaneɛ a mehunu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, deɛ aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no


na amanehunu yi anha obiara, ɛfiri sɛ mo ara monim sɛ deɛ ɛtwa sɛ yɛhunu ara ne no.


Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.


Na yei na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu amane maa mo gyaa mo nhwɛsoɔ sɛ monni n’anammɔn akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan