Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 16:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na ɔdanee ne ho see Petro sɛ: Firi me so, Satan! Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ na wodwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na ɔdanee ne ho see Petro sɛ: Firi me so, Satan! Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ na wodwene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu dan ne ho kaa Petro anim se, “Ɔbonsam, fi me so! Woyɛ hintidua kɛse ma me. Wudwen nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn de.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Yesu danee ne ho kaa Petro anim sɛ, “Ɔbonsam, firi me so! Woyɛ suntidua kɛseɛ ma me. Wodwene nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn deɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 16:23
19 Iomraidhean Croise  

Na Adam deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woatie wo yere nne, na woadi dua a mehyɛɛ wo sɛ nnie no bie nti, wo nti wɔadome asase. Yea mu na wobɛdidi soɔ wo nkwa nna nyinaa.


Na Dawid buaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ, sɛ moyɛ sɛ atamfoɔ a wɔne me di asie nnɛ yi? Ɛnnɛ ɛsɛ sɛ wɔkum obi Israel anaa? Mennim sɛ ɛnnɛ mene Israel so hene anaa?


Na Satan sɔre gyina tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.


Na ɔbɛyɛ kronkronbea, nso ɔbɛyɛ suntiboɔ ne ɔwatiri botan ama Israel afie mmienu no nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn a wɔte Yerusalem no.


Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ɔfitii aseɛ twii n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, yei remma wo so da!


Suntiduatoɔ nti wiase nnue! Na ɛtwa sɛ suntiduatoɔ ba deɛ, nanso onipa a suntiduatoɔ nam ne so ba no nnue!


Ɛnna Yesu see no sɛ: Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


Na ɔdanee ne ho hwɛɛ n’asuafoɔ no kaa Petro anim sɛ: Firi me so, Satan, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ.


Na Yesu buaa no sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!


Yesu buaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mayi mo dummienu yi anaa? Nso mo mu baako yɛ ɔbonsam!


Enti mommma yɛmmmu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mommu atɛn yi mmom sɛ obi mmfa akwansideɛ anaa suntidua bi nnto hɔ mmma ne nua.


Ɛyɛ sɛ wonni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua suntidua.


wɔn na wɔn awieeɛ ne ɔsɛeɛ, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu, na asase so nnoɔma ho na wɔdwene.


Monnwene deɛ ɛwɔ soro, na ɛnyɛ deɛ ɛwɔ asase soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan