Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 15:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Na ɔfaa paanoo nson no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na ɔbubu de maa n’asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

36 Na ɔfaa paanoo nson no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na ɔbubu de maa n’asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Afei ɔfaa brodo ason no ne mpataa no, hyiraa so na obubuu mu de maa asuafo no se wɔmfa mma nnipadɔm no nni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Afei ɔfaa burodo nson no ne mpataa no, hyiraa so na ɔbubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa mma nnipadɔm no nni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

36 Na ɔfaa abodoo ason no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na obubui de maa n’asuafo no, na asuafo no nso de maa nkurɔfo akuwakuw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 15:36
14 Iomraidhean Croise  

Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena ɛserɛ no so, na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na ɔbubuu mu de paanoo no maa n’asuafoɔ, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.


Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena fam.


Na ɔfaa kuruwa no daa ase, na ɔkaa sɛ: Monnye yei, na monkyɛ mu!


Na ɔfaa paanoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kaa sɛ: Yei ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ.


Na ɛbaa sɛ ɔne wɔn te adidiiɛ no, ɔfaa paanoo hyiraa so, na ɔbubu de maa wɔn.


Na Yesu faa paanoo no ne mpataa no, na ɔdaa ase no, ɔkyɛ maa wɔn a wɔtete hɔ no; dodoɔ biara a wɔhia.


Na akodoɔ foforɔ firii Tiberia baa faako a Awurade daa ase, na wɔdii paanoo no hɔ;


Na ɔkaa saa na ɔfaa paanoo no, ɔdaa Onyankopɔn ase wɔn nyinaa anim, na ɔbubu firii aseɛ diiɛ.


Deɛ ɔdwene da bi ho no, ɔdwene ma Awurade. Deɛ ɔdie no, ɔdi ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase; na deɛ ɔnnie no, ɔnni de ma Awurade, na ɔda Onyankopɔn ase.


Enti sɛ modidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.


Na sɛ wode honhom hyira a, ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔnte aseɛ no agye w’aseda no so sɛ Amen, ɛberɛ a ɔnnim deɛ woreka?


Moduru kuro no mu ara pɛ a, mobɛhu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔnbea hɔ akɔdidi; ɛfiri sɛ ɔman no nnidi kɔsi sɛ ɔbɛba, na ɔno na ɔhyira afɔdeɛ no soɔ ansa na wɔn a wɔahyia wɔn no adidi. Enti momforo nkɔ, na berɛ yi ara na mobɛhu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan