Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 15:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Kanaanni bea bi a ɔte ɔman no mu hɔ de osu baa Yesu nkyɛn bɛkae se, “Awurade, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yeraw no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Kanaanni baa bi a ɔte ɔman no mu hɔ de su baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yera no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na hwɛ, Kanaanni bea bi a ofi mpɔtam hɔ bae bɛteɛteɛɛm sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi rehaw me babea dodo!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 15:22
19 Iomraidhean Croise  

Me sufrɛ mu gye me so, me tenenee Nyankopɔn. Ahohia mu, woboaa me. Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.


Na Tiro babaa de ayɛyɛdeɛ ba, na ɔman mu adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.


AWURADE, hu me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ meyɛ hodwoo; AWURADE, sa me yadeɛ, na me nnompe abɔ huboaa,


ɛnyɛ aman pii a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkyerɛma yɛ duro a wonte wɔn nsɛm nkyɛn, ampa, sɛ wɔn nkyɛn na mesomaa wo a, anka wɔn deɛ, wɔbɛtie wo.


Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awoɔ ntoatoasoɔ.


Nanso wammua no. Na n’asuafoɔ no ba bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan ma no nkɔ, na ɔreteateam di yɛn akyi.


sɛ: Awurade, hu me ba yi mmɔbɔ, na ɔtwa, na ɔrehunu amane pii; na ɔtaa tɔ ogya mu, na ɔtaa tɔ nsuo mu.


Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Na Yesu firi hɔ rekorɔ no, anifirafoɔ baanu dii n’akyi teateaa mu sɛ: Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!


na wɔmaa wɔn nne so sɛ: Owura Yesu, hu yɛn mmɔbɔ!


Na ɔtogyeni no deɛ, ɔgyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko so kaa sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ!


ne wɔn a ahonhom fi ha wɔn; na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan