Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 14:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɛyɛɛ ɔhene no ya, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no nti, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na ɛyɛɛ ɔhene no ya, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no nti, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Herode tee asɛm no, ɛyɛɛ no yaw ma ɛhaw no. Nanso esiane ntam a waka wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no anim no nti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ nea ababaa no hwehwɛ no maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Herode tee asɛm yi no, ɛyɛɛ no ya, ma ɛhaa no. Nanso, ɛsiane ntam a waka wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no anim no enti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ deɛ ababaawa no hwehwɛ no maa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɛyɛɛ ɔhene no yaw, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidii no nti, ɔhyɛe sɛ wɔmfa mma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 14:9
27 Iomraidhean Croise  

Mma w’ano nnyɛ worɔworɔ, na w’akoma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi wɔ Nyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo deɛ, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.


Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Mo ne mo yerenom, mode mo ano ka na mode mo nsa ma no ba mu sɛ: Ma ara na yɛbɛma yɛn aboadeɛ a yɛhyɛɛ ho bɔ no, sɛ yɛbɛhye aduhwam ama ɔsoro hemmaa, na yɛahwie ahwiesa ama no. Tim ara na mobɛma mo bɔhyɛ no atim, na ma nso na mobɛma mo aboadeɛ no.


Ɛberɛ no mu no, Ɔmansinihene Herode tee Yesu nka


Na ɔsoma maa wɔkɔtwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ.


Na ɔpɛɛ sɛ ɔkum no, nanso na ɔsuro nkurɔfoɔ no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.


Na ne na tuu no fo bɔne maa no bɛkaa sɛ: Fa Osuboni Yohane ti to plɛte so ma me ha yi ara!


Na Ɔhene Herode tee; ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ, na ɔkaa sɛ: Yohane a na ɔbɔ asu no anyane afiri awufoɔ mu, enti na ahoɔdenneɛ yi di dwuma wɔ ne mu.


Na Herode suro Yohane, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee ne kronkron; na ɔbɔɔ ne ho ban, na ɔretie no a, ne ho yera no pii, nanso ɔde anigyeɛ tiee no.


Na ɛyɛɛ ɔhene ya pii, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no nti, wampɛ sɛ ɔkame no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔka nkyerɛ sakraman no sɛ: Hwɛ, metu ahonhommɔne, na mesa yadeɛ nnɛ ne ɔkyena, ne n’adekyeeɛ na mawie.


Na abosome mmienu no duruiɛ no, ɔsane baa n’agya nkyɛn; na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ne bɔ a ɔhyɛeɛ no teɛ; na wanhunu ɔbarima biara. Na ɛyɛɛ atorɔmudeɛ Israel mu:


Nso na Israel mmarima no akeka ntam Mispa sɛ: Yɛn mu biara mmfa ne ba mmma Benyamin awareɛ.


Na ɛdenee Israel mmarima da no; na Saulo kaa ɔman no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidie ansa na onwunu adwoɔ, na mentɔ m’atamfoɔ so were. Enti ɔman no mu, obiara amfa aduane anka n’ano.


Na nkurɔfoɔ no mu baako kaa sɛ: W’agya aka dɔm no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidi nnɛ; nso na nkurɔfoɔ no retɔ piti.


Sɛ ɛkɔsi ɔkyena anɔpa, megya n’adeɛ a ɔwɔ nyinaa mu onini baako sei mpo a, Onyankopɔn nyɛ Dawid atamfoɔ saa na ɔnka ho saa!


Na Saulo kaa no AWURADE ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, worenni asɛm yi mu so biara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan