Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 14:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ne na tuu no fo bɔne maa no bɛkaa sɛ: Fa Osuboni Yohane ti to plɛte so ma me ha yi ara!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ne na tuu no fo bɔne maa no bɛkaa sɛ: Fa Osuboni Yohane ti to plɛte so ma me ha yi ara!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ne na maa no kae se, “Fa Osuboni Yohane ti a wɔatwa to prɛte mu ma me wɔ ha.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ababaawa yi maame Herodia tuu no fo sɛ, “Mmisa biribiara, gye sɛ Yohane ti a wɔatwa ato prɛte mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ne na tuu no fo bɔne ma ɔbɛkae sɛ: Fa osuboni Yohane ti to prɛte mu ma me ha yi ara!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 14:8
17 Iomraidhean Croise  

Wɔnkaa deɛ Isebel kumm AWURADE adiyifoɔ no, meyɛeɛ no nkyerɛɛ me wura, sɛ mefaa AWURADE adiyifoɔ mu mmarima ɔha, na mede wɔn aduonum aduonum mesiee ɔbodan mu, na me de aduane ne nsuo mehwɛɛ wɔn no?


Na ɛbaa sɛ Isebel retwitwa AWURADE adiyifoɔ aguo no, Obadia faa AWURADE adiyifoɔ ɔha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kɔsiesiee ɔbodan mu, na ɔde aduane ne nsuo hwɛɛ wɔn.)


Na Isebel somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Elia nkyɛn sɛ: Sei na anyame no nyɛ me, na sei nso na wɔmfa nka ho, sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na mama wo kra ayɛ sɛ wɔn mu baako deɛ.


Na Ahasia ne na Atalia hunuu sɛ ne ba awuo no, ɔsɔree na ɔsɛee adehyeɛ abusua no nyinaa.


Na ne dodoɔ nie: Sika nyowa aduasa, dwetɛ nyowa apem, aduhwam nkukuwa aduonu nkron,


Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu, na wɔyɛ ntɛm hwie mogya gu.


Mogyapɛfoɔ tane pɛyɛfoɔ, na teefoɔ hwehwɛ ne kra agye no.


Na n’ayɛyɛdeɛ ne dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako a ano si nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;


N’ayɛyɛdeɛ a ɔde baeɛ ne: Dwetɛ ayowa baako a ano si nnwetɛbena ɔha aduasa; dwetɛ koraa baako, nnwetɛbena aduɔson, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; ne mmienu no, na esiam a wɔde ngo afɔre de rekɔyɛ aduane afɔdeɛ ayeyɛ no amaama;


Na wɔde ne tiri no too plɛte so baeɛ, na wɔde maa ababaa no, na ɔde kɔmaa ne na.


Ɛno nti ɔkaa ntam hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a ɔbɛbisa.


Na ɛyɛɛ ɔhene no ya, nanso ne ntam ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no nti, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa mma no.


Na ɔfirii adi kɔbisaa ne na sɛ: Ɛdeɛn na menkɔbisa? Na ɔkaa sɛ: Yohane a ɔbɔ asuo no ti.


Na ntɛm ara ɔde ahoɔherɛ baa ɔhene nkyɛn bɛkaa sɛ: Mepɛ sɛ wode Yohane subɔni no ti to plɛte so ma me seesei ara.


na ɔde ne tiri no too plɛte so baeɛ, na ɔde maa ababaawa no, na ababaawa no de kɔmaa ne na.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan