Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 14:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Herode asɔ Yohane mu akye no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Herode asɔ Yohane mu akye no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Saa bere no na Herode ama wɔakyere Osuboni Yohane ato afiase, efisɛ na wakasa atia Herodia ne Herode aware no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Saa ɛberɛ no na Herode ama wɔakyere Yohane Osubɔni ato afiase, ɛfiri sɛ, na wakasa atia Herodia ne Herode awadeɛ no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Herode aso Yohane mu akyere no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 14:3
18 Iomraidhean Croise  

Na Yohane tee Kristo nnwuma wɔ afiase no, ɔsomaa n’asuafoɔ


Na Herode awoda duruiɛ no, Herodia babaa bɛsaa wɔn anim na ɛyɛɛ Herode fɛ.


Na Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔsii mu kɔɔ Galilea.


Na Ɔhene Herode tee; ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ, na ɔkaa sɛ: Yohane a na ɔbɔ asu no anyane afiri awufoɔ mu, enti na ahoɔdenneɛ yi di dwuma wɔ ne mu.


Na Herode no ara asoma ma wɔabɛsɔ Yohane mu, akyere no ato afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti, ɛfiri sɛ na waware no.


Na Herodia nyaa no menasepɔ, na ɔpɛɛ sɛ ɔkum no, nanso wantumi.


na Herodia no ara babaa ba bɛsae, na ɔsɔɔ Herode ne wɔn a wɔne no te adidiiɛ no ani. Ɛnna ɔhene see ababaawa no sɛ: Bisa me biribiara a wopɛ, na mɛma wo.


Na Yesu see wɔn sɛ: Hwɛ, monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ mmɔreka ne Herode mmɔreka ho!


Saa berɛ no ara na nnipa bi a wɔwɔ hɔ kaa Galileafoɔ a Pilato de wɔn mogya frafraa wɔn afɔdeɛ mu ho asɛm kyerɛɛ no.


Dɔn no ara mu na Farisifoɔ bi ba bɛsee no sɛ: Firi ha kɔ! Na Herode repɛ wo aku wo.


Na Herode ne ne dɔm no bɔɔ no adapaa, goroo ne ho, na ɔhyɛɛ no atadeɛ nahanaha bi de no kɔmaa Pilato bio.


Na ɔhunuu sɛ ɔfiri Herode asase soɔ no, ɔmaa wɔde no kɔmaa Herode; na nna no mu no, na ɔno ara nso wɔ Yerusalem.


Na Kaesare Tiberio ahennie afe a ɛtɔ so dunum mu no, na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinihene, na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, na Lisania di Abilene mansinihene,


ne Yohana, Herode fiepanin Kusa yere, ne Susana ne afoforɔ bebree a wɔde wɔn ahodeɛ bi somm no.


Saa berɛ yi ara na Ɔhene Herode tenee ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayadeɛ.


Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan