Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 13:52 - New Revised Asante Twi Bible

52 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei nti ɔtwerɛfoɔ biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahennie no te sɛ efiewura bi a ɔfiri n’agyapadeɛ mu yi nnoɔma foforɔ ne dada adie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

52 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei nti ɔtwerɛfoɔ biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahennie no te sɛ efiewura bi a ɔfiri n’agyapadeɛ mu yi nnoɔma foforɔ ne dada adie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

52 Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so se, “Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a wɔabɛyɛ mʼasuafo no te sɛ ofiwura a wada nʼagyapade foforo ne dedaw nyinaa adi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

52 Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so sɛ, “Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔabɛyɛ mʼasuafoɔ no te sɛ efiewura a wada nʼagyapadeɛ foforɔ ne dada nyinaa adi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

52 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi nti ɔkyerɛwfo biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahenni no te sɛ ofiwura bi a ofi n’ademude mu yi nneɛma afoforo ne adedaw adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 13:52
31 Iomraidhean Croise  

Na Esra asiesie n’akoma sɛ ɔbɛhwehwɛ AWURADE mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ wɔ Israel.


Na me, Ɔhene Artasasta, mahyɛ sikakorafoɔ a wɔwɔ asuogya no nyinaa sɛ adeɛ a Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ no, bɛbisa mo no nyinaa wɔmmɔ mmɔden nyɛ,


ɔno Esra no foro firi Babel bae, nso ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a na wawedare Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de maeɛ no mu. Ɔno na ɔhene de deɛ ɔbisaeɛ nyinaa maa no, ɛfiri sɛ na AWURADE ne Nyankopɔn nsa wɔ ne so.


Ɔteneneeni aba yɛ nkwa dua, na onyansafoɔ deɛ ɔnya akra.


Anyansafoɔ ano pete nimdeɛ, na nkwaseafoɔ akoma deɛ ɛntim.


Nsuo a emu dɔ ne ɔbarima anomu nsɛm, asutene a ɛba yie ne nyansa abura.


Dudaim no yiyi ne hwam, na aba a ɛwɔ boɔ nyinaa wɔ yɛn pono ano, aba foforɔ ne adada, O me dɔfoɔ, mede asie ama wo.


Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnepa adie; na onipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnebɔne adie.


Moate yeinom nyinaa ase anaa? Wɔbuaa no sɛ: Aane.


Na ɛbaa sɛ Yesu wiee mmɛ yi buo no, ɔfiri hɔ kɔeɛ.


Hwɛ, yei nti meresoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne Atwerɛfoɔ aba mo nkyɛn, na mobɛkum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu, na moaka wɔn mu bi mpire mo hyia adan mu, na moataa wɔn afiri kuro mu akɔ kuro mu;


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafoɔ, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


Yei nti nso na Nyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom,


Ahyɛdeɛ foforɔ na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!


sɛ awerɛhofoɔ, nanso wɔn ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nanso wɔma nnipa bebree nya wɔn ho; sɛ wɔn a wɔnni hwee, nanso wɔwɔ nnoɔma nyinaa.


Sɛ mokekan a, mode bɛhunu nteaseɛ a mewɔ wɔ Kristo ahuntasɛm no ho


Me a mene ahotefoɔ nyinaa mu akumaa na wɔde adom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman mufoɔ,


sɛdeɛ mosuaeɛ nso firii yɛn awurakwaa dɔfo Epafra a ɔyɛ mo Kristo somfo nokwafoɔ


Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn.


Ɔnyɛ abɛɛfo, na wanhoran anhwe ɔbonsam atemmuo mu.


ɔsɔ nokwasɛm no mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefoɔ atɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan