Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 13:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Ɔsoro ahennie no te sɛ agyapadeɛ bi a wɔde asie afuo mu; ɛno na onipa bi kɔhunuiɛ, na ɔkataa soɔ, na ɛho anigyeɛ nti, ɔkɔ kɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

44 Ɔsoro ahennie no te sɛ agyapadeɛ bi a wɔde asie afuo mu; ɛno na onipa bi kɔhunuiɛ, na ɔkataa soɔ, na ɛho anigyeɛ nti, ɔkɔ kɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Yesu toaa mmebu no so se, “Ɔsoro Ahenni no te sɛ ademude bi a obi kohuu wɔ afuw bi mu. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahode nyinaa, de kɔtɔɔ afuw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Yesu toaa abɛbuo no so sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ademudeɛ bi a obi kɔhunuu wɔ afuo bi mu. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa, de kɔtɔɔ afuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

44 Ɔsoro ahenni no te sɛ ademude bi a wɔde asie afuw mu; ɛno na onipa bi kohui, na ɔkataa so, na ɛho anigye nti ɔkɔ kɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuw no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 13:44
29 Iomraidhean Croise  

Ɔdasani nnim ne boɔ, na wɔnhu no ateasefoɔ asase so.


Sɛdeɛ nyansanya yɛ sene sika fa! ne nhunumunya sɛ wɔyi sene dwetɛ.


Adɛn nti na sika wɔ ɔkwasea nsam, sɛ ɔde bɛtɔ nyansa, berɛ a ɔnni tire?


Deɛ wate ne ho no hwehwɛ anoyie daa, na adepa biara yɛ no ahi.


Tɔ nokorɛ, na ntɔn; tɔ nyansa ne atenetene ne nhunumu nso.


Mommra oo, mo a sukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo ho, na mo a monni sika no, mommra mmɛtɔ, na monni. Mommra mmɛtɔ nsa ne nufosuo; ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso.


Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ: Ɔsoro ahennie no te sɛ onipa bi a ɔguu aba pa n’afuo mu.


na ɔhunuu ahweneɛ baako a ne boɔ yɛ den no, ɔkɔtɔnee deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.


Bio ɔsoro ahennie te sɛ asau a wɔde guu po mu na ɛbumaa nam ahodoɔ nyinaa bi;


Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi!


Ɛnna Petro bua see no sɛ: Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi. Ɛdeɛn koraa na yɛbɛnya?


Na obiara a me nti wagya afie, anaa nuammarima anaa nuammaa, anaa agya anaa ɛna anaa mma, anaa nsase hɔ no, ɔbɛnya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa afa.


na faako a w’agyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na w’akoma nso wɔ.


Saa ara nso na mo mu biara a ɔnnya deɛ ɔwɔ nyinaa hɔ ntumi nyɛ me suani.


Na Yesu see wɔn sɛ: Mene nkwa paanoo no; deɛ ɔba me nkyɛn no, ɛkɔm renne no da, na deɛ ɔgye me die no, osukɔm renne no da.


Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ.


Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapadeɛ nyinaa akora.


Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn.


Na momaa nneduafoɔ amaneɛ kaa mo, mode anigyeɛ nso penee mo nnoɔma fom sɛ monim sɛ mowɔ ahodeɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ ɔsoro a ɛtena hɔ.


Metu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔabere ho ogya mu, na woanya ahonya ne atadeɛ fitaa, na woahyɛ, na w’adagya ahohora anna adi, ne aniduro a wode bɛsra w’ani, na woahunu adeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan