Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 13:42 - New Revised Asante Twi Bible

42 na wɔde wɔn akɔgu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

42 na wɔde wɔn akɔgu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

42 na wɔatow wɔn agu ogyatannaa no mu, ahyew wɔn. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

42 na wɔato wɔn agu ogyatannaa no mu, ahye wɔn. Ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

42 na wɔde wɔn akogu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa besu na wɔatwere wɔn se.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 13:42
19 Iomraidhean Croise  

Na onipa a ɔrebɛka no no, wɔde dadeɛ ne pea dua ma no ma no de mia, na ɛhyeɛ ara na wɔde ogya bɛhyeɛ ama no asa koraa.


Wobɛyi wo ho adi ayɛ wɔn sɛ ogya fononoo, AWURADE de n’abufuo bɛmene wɔn, na ogya ahye wɔn.


Na deɛ ɔrenhwe ase nsɔre no, dɔn no ara mu wɔde no bɛto ogya a ɛrefranam fononoo mu.


na wɔato wɔn agu ogya fononoo mu; ɛhɔ na nnipa bɛsu na wɔatwɛre wɔn se.


Ɛnna ɔhene no see asomfoɔ no sɛ: Monkyekyere ne nan ne ne nsa mfa no, nkɔto no ntwene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu!


Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra aporoeɛ hɔ fitaa. Ɔbɛboaboa n’ayuo ano akɔgu san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.


na ahennie mma no deɛ, wɔbɛto wɔn akɔgu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.


Ɛhɔ na mobɛsu atwɛre mo se sɛ mohunu Abraham, Isak ne Yakob ne adiyifoɔ no nyinaa Nyankopɔn ahennie mu, na mo deɛ, wɔapam mo afiri mu.


ɔno ara na ɔbɛnom Nyankopɔn abufuo nsa a wɔahwie no gyenegyene agu n’abufuo kuruwa mu no bie, na wɔayɛ no ayayadeɛ, ogya ne sɔfe mu, abɔfoɔ kronkron ne Adwammaa no anim.


Na wɔkyeree aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnneɛ, de daadaa wɔn a wɔgyee aboa no agyiraeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no kaa ne ho. Wɔtoo wɔn baanu yi animono guu ogya tadeɛ a sɔfe dɛre mu no mu.


Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtoo no twenee ogya ne sɔfe tadeɛ no mu, deɛ aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Na ɔbuee ebunu abura no ano, na wisie a ɛte sɛ fononoo kɛseɛ mu wisie firii abura no mu, na owia ne ahunum duruu sum, abura no mu wisie no nti.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan