Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 13:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Onipa ba no bɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa suntidua ne wɔn a wɔdi nsɛmmɔne nyinaa ano afiri n’ahennie mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Onipa ba no bɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa suntidua ne wɔn a wɔdi nsɛmmɔne nyinaa ano afiri n’ahennie mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfo, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifo nyinaa ano afi Ahenni no mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfoɔ, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifoɔ nyinaa ano afiri Ahennie no mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Onipa ba no bɛsoma n’abɔfo na wɔakɔboaboa hintidua ne wɔn a wodi nsɛmmɔne nyinaa ano afi n’ahenni mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 13:41
18 Iomraidhean Croise  

Nanso ahuhufoɔ deɛ, wɔn nyinaa te sɛ nkasɛɛ a wɔato aguo, na wɔmfa nsa nsɔ mu.


Mɛpra onipa ne aboa akɔ, mɛpra ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa akɔ, ne suntidua ɛne abɔnefoɔ, na matwitwa nnipa afiri asase ani agu, AWURADE asɛm nie.


Sɛdeɛ ɛbɛyɛ wiase awieeɛ no mu ara ne no. Abɔfoɔ no bɛba abɛfa nnipa bɔne afiri ateneneefoɔ mu,


Suntiduatoɔ nti wiase nnue! Na ɛtwa sɛ suntiduatoɔ ba deɛ, nanso onipa a suntiduatoɔ nam ne so ba no nnue!


Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afiri wiase mframa nnan no mu afiri ɔsoro ano akɔpem ano.


Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra aporoeɛ hɔ fitaa. Ɔbɛboaboa n’ayuo ano akɔgu san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.


Ɛno na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa wɔn a wayi wɔn no ano afiri mframa nnan no mu, ɛfiri asase ano kɔpem ɔsoro ano.


ɛda a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bɛbu nnipa kokoa mu nsɛm atɛn sɛdeɛ m’asɛmpa teɛ no.


Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfoɔ a, wɔn a, wɔbɛyɛ nkwagyeɛ no adedifoɔ no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?


Na ade-hunu biara ne deɛ ɔyɛ akyiwadeɛ na ɔdi atorɔ renhyɛne mu koraa, gye wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Adwammaa no nkwa nwoma no mu no nko.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan