Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 13:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔkasaa pii mmebuo mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔkasaa pii mmebuo mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufoɔ bi firii adi kɔguu aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ mmebu mu se, “Da bi okuafo bi kɔɔ nʼafum koguu aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔkasae pii mmebu mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufo fii adi koguu aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 13:3
27 Iomraidhean Croise  

Mɛbrɛ m’aso ase matie abebusɛm, mede sankubɔ mɛkyerɛ me bɛ ase.


Mɛbue m’ano mmebuo mu, mɛyi atetesɛm adi sɛ akasabebuo.


Onipa ba, to aborɔme no ka mfatohosɛm yi kyerɛ Israel fie,


Ɛnna mekaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, wɔn deɛ, wɔka no ne me ho sɛ: Ɛnyɛ mmɛ na ɔrebubuo yi?


Ɛda no wɔbɛbu mo ho bɛ na wɔabe kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakyera. Wagye afiri me nsam; Atuateni na ɔkyɛ yɛn mfuo mu ma no yi.


Ɛberɛ bi reba a wɔn nnomumfoɔ bɛsere na wɔadi wɔn ho fɛw sɛ: Ɔnnue, deɛ ɔnam asisie kwan so fa adeɛ a ɛnyɛ ne dea no. W’apoobɔ yi bɛkɔ so ara akɔsi da bɛn?


Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa ba bɛsosɔe.


Na ɛbaa sɛ Yesu wiee mmɛ yi buo no, ɔfiri hɔ kɔeɛ.


Na Yesu kasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu bio sɛ:


Monsua borɔdɔma ho bɛ no: Sɛ ne ban nya yɛ frɔmfrɔm na ɛreyiyi nhahan a, na monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn.


Na ɔfitii aseɛ nam mmebuo so kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo mu abantenten, na ɔde fɛm akuafoɔ bi, na ɔtuu bata.


Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso na wɔsuro nkurɔfokuo no; na wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn. Na wɔgyaa no hɔ sii mu kɔe.


Na ɔfrɛɛ wɔn baa ne nkyɛn no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na Satan bɛtumi atu Satan?


Na ɔsee wɔn sɛ: Monnim bɛ yi? Na ɛbɛyɛ dɛn na mobɛhunu mmɛ no nyinaa?


Na mmɛ a ɛtete sɛɛ pii na ɔde kaa asɛm kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ wɔtumi te aseɛ.


Na Petro see no sɛ: Awurade, yɛn nko na wobu yɛn bɛ yi anaasɛ wobu kyerɛ wɔn nyinaa nso?


Na ɔse: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu, na wɔahunu, na wɔanhunu mu, na wɔate, nanso wɔante aseɛ.


Yeinom na maka mo mmebuo mu; na berɛ no reba a merenkasa menkyerɛ mo mmebuo mu bio, na mɛka Agya no ho asɛm makyerɛ mo pefee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan