Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 13:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Na afuowura no nkoa baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Owura, ɛnyɛ aba pa na woguu no w’afuo no mu? Na wura bɔne yi deɛ, ɛfiri he?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

27 Na afuowura no nkoa baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Owura, ɛnyɛ aba pa na woguu no w’afuo no mu? Na wura bɔne yi deɛ, ɛfiri he?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 “Okuafo no apaafo bɛka kyerɛɛ no se, ‘Owura, aburow a wuduae no, nwura bi afifi wɔ ase!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 “Okuafoɔ no apaafoɔ bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, aba a woduaeɛ no, wira bi afifiri wɔ aseɛ!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 Na afuwura no nkoa baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Owura, ɛnyɛ aba pa na wugui w’afuw no mu? Na wura bɔne yi de, efi he?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 13:27
17 Iomraidhean Croise  

Na ɛberɛ a na obiara ada no, ɔtamfo bi ba bɛguu wura bɔne bi ayuo no mu, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.


Na ɛyii ahahan na ɛsoo aba no, na wura bɔne no nso daa adie.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔtamfoɔ bi na wayɛ saa. Na nkoa no bisaa no sɛ: Ɛnneɛ wopɛ sɛ yɛkɔ kɔboaboa ano anaa?


Na ɔsoro ahennie te sɛ onipa bi a ɔyɛ afuowura a ɔfirii adi anɔpatutuutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfoɔ paa akɔ ne turo mu.


Nanso, anuanom, metu mo fo sɛ, monkari wɔn a wɔde mpaepaemu ba na wɔto suntidua de sɛe nkyerɛkyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfiri wɔn ho.


Na sɛ Timoteo ba a, monhwɛ na wamfa ehu ne mo antena; na ɔyɛ Awurade adwuma no bi sɛ me nso.


Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ monnnye Nyankopɔn adom no kwa.


na mmom nnoɔma nyinaa mu, yɛyi yɛn ho kyerɛ sɛ Nyankopɔn asomfoɔ: Boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyere mu, ahometeɛ mu;


Awaresɛefoɔ, monnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtane a wɔtane Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfoɔ no gyina hɔ sɛ Nyankopɔn tamfo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan